Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 25
DAPƐN A EFI ASE JULY 25
Dwom 97 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 7 ¶1-8, adaka a ɛwɔ kr. 53 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Dwom 79-86 (Simma 10)
No. 1: Dwom 84:1–85:7 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Onyankopɔn Ahenni Bɛma Abɔde Nyinaa Ayɛ Biako Wɔ Nokware Som Mu—rs-E kr. 228 ¶1-2; +wt kr. 186 ¶6–kr. 187 ¶10 (Simma 5)
No. 3: Nea Enti a Adaemone Nyinaa Gye Di sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ—Yak. 2:19 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ August mu, na ma wɔnyɛ sɛnea wɔde bɛma no ho ɔyɛkyerɛ biako.
10 min: Ɛmfa Ho sɛ Wonni Apɔwmuden no Wɔka Asɛmpa No. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina 2011 Yearbook no, kratafa 64, nkyekyɛm 1-2, ne kratafa 69, nkyekyɛm 1 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
20 min: “Yɛn Nsɛmma Nhoma No—Wɔayɛ no Sɛnea Nnipa Pii Ani Begye Ho.” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛ mususuw nkyekyɛm 2 ho wie a, fa simma biako kyerɛ nsɛm a ɛwɔ August Awake! no mu. Afei, ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wobetumi akenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde Awake! no bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ mususuw nkyekyɛm 3 ho wie a, fa ɔkwan koro no ara so di August 1 Watchtower no ho dwuma.
Dwom 134 ne Mpaebɔ