Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu. October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. November: The Bible—What Is Its Message?
◼ Wɔbɛma afe 2012 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no wɔ dapɛn a efi ase April 2 mu. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na Nkaedi no adu so.
◼ Wɔ March 2012 mu no, adawurubɔfo a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no betumi de nnɔnhwerew 30 anaa 50 ayɛ asɛnka adwuma no wɔ saa ɔsram no mu. Afei nso, sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo asafo no wɔ March mu a, adawurubɔfo a wɔde wɔn ho ahyɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu, sɛ́ wɔde nnɔnhwerew 30 anaa 50 na ɛreyɛ asɛnka adwuma no, benya hokwan atena nhyiam no nyinaa a ɔmansin sohwɛfo ne daa akwampaefo bɛyɛ no mu bi.
◼ Wɔ September mu no, amansin so ahwɛfo afi ase rema baguam ɔkasa a asɛmti no ne “Wo ne Onyankopɔn Nkurɔfo a Wɔwɔ Anigye no Nyɛ Biako.”