Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 3
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 3
Dwom 133 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 10 ¶10-21 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Mmebusɛm 1-6 (Simma 10)
No. 1: Mmebusɛm 6:1-19 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Onyankopɔn Dɔ Ho Awerɛhyem Bɛn na Wɔde Ma Yɛn wɔ Romafo 8:26, 27? (Simma 5)
No. 3: So Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni a Ɛreba no Twɛn Ma Wiase no Sakra Ansa?—rs-E kr. 233 ¶1-2; +gf kr. 13 ¶2 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Monkenkan Luka 5:12, 13 ne Luka 8:43-48. Munsusuw sɛnea kyerɛw nsɛm yi betumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu no ho.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Da Suban Pa Adi wɔ Asɛnka Mu. (2 Kor. 6:3) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina nsɛmmisa ahorow yi so: (1) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛda suban pa adi bere a yɛreka asɛm no? (2) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada suban pa adi bere a (a) yɛne yɛn kuw mufo akodu asasesin no mu no? (b) yɛrekɔ afie afie mu? (d) yegyina ɔpon bi ano? (e) nea yɛne no nam no redi adanse? (ɛ) ofiewura no rekasa? (f) ofiewura no nni adagyaw anaasɛ wim tebea nnye? (g) ofiewura no bo afuw?
Dwom 16 ne Mpaebɔ