Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 31
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 31
Dwom 104 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 12 ¶1-8, adaka a ɛwɔ kr. 96 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Mmebusɛm 22-26 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. “Nea Wode Rema no Fata?” Ɔkasa. Ɔkasa no akyi no, ma wɔmfa asɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 8 no nyɛ sɛnea yebetumi de afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ November mu no ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Ahosiesie Pa a Yɛde Kɔ Asɛnka so Wɔ Mfaso. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 131-134 so.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ November Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien kyerɛ nsɛm kakra a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu a asasesin no mufo ani begye ho. Afei gyina Watchtower no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛw nsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Awake! no nso, fa nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a fa nsɛm foforo ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 90 ne Mpaebɔ