Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase February 6
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 6
Dwom 101 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 16 ¶8-12, adaka a ɛwɔ kr. 132 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yesaia 47-51 (Simma 10)
No. 1: Yesaia 51:1-11 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Mmara Bɛn na Wodii so wɔ Ayeforohyia a Edi Kan no Mu?—rs-E kr. 249 ¶3-4; +bh kr. 134 ¶3 (Simma 5)
No. 3: Dɛn Nti na Onyankopɔn a Ɔyɛ Ɔdɔ Bɛsɛe Nnipa?—2 Tes. 1:6-9 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Dɛn na Ɛsɛ sɛ Mihu Fa Intanɛt So Fekubɔ Ho?—Ɔfã 2. Ɔkasa a egyina August 2011 Awake! no kratafa 10-13 ne February 2012 Awake! kratafa 8-9 so.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ February Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien ka nsɛmma nhoma no mu nsɛm kakra a asasesin no mufo ani begye ho kyerɛ. Afei, gyina Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛw nsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso mu nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 96 ne Mpaebɔ