Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase February 27, 2012 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.
1. So eye sɛ wɔbɛka sɛ Yehowa de mmɔborɔhunu ka n’atɛntrenee ho ma ɛkari pɛ? (Yes. 30:18) [Jan. 9, w02 3/1 kr. 30]
2. Dɛn na yebetumi asua afi adwuma a na Sebna yɛ sɛ Hesekia somfo a wogye fii ne nsam no mu? (Yes. 36:2, 3, 22) [Jan. 16, w07 1/15 kr. 9 nky. 1]
3. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea wodi ahohia so ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yesaia 37:1, 14-20 no mu? [Jan. 16, w07 1/15 kr. 9 nky. 2-3]
4. Ɔkwan bɛn so na mfatoho a ɛwɔ Yesaia 40:31 no hyɛ Yehowa asomfo nkuran? [Jan. 23, w96 6/15 kr. 10-11]
5. Ntua a ɛreba bɛn nti na Yehowa asɛm a ɛwɔ Yesaia 41:14 no hyɛ nkuran titiriw nnɛ? [Jan. 23, ip-2 kr. 24 nky. 16]
6. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ Yehowa sɛ ‘yɛredi trenee akyi’? (Yes. 51:1) [Feb. 6, ip-2 kr. 165 nky. 2]
7. Henanom ne “nnipa pii” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 53:12 no, na ade a ɛka koma bɛn na yesua fi sɛnea Yehowa ne wɔn di no mu? [Feb. 13, ip-2 kr. 213 nky. 34]
8. Dɛn na Yehowa nkurɔfo anya wɔ nna a edi akyiri yi mu a wɔkaa ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Yesaia 60:17 no? [Feb. 20, ip-2 kr. 316 nky. 22]
9. Dɛn na “anisɔ afe” a wɔde ahyɛde maa Yesu ne n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho dawuru no kyerɛ? (Yes. 61:2) [Feb. 20, ip-2 kr. 324-325 nky. 7-8]
10. Yehowa su a ɛyɛ nwonwa bɛn na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 63:9 si so dua? [Feb. 27, w03 7/1 kr. 19 nky. 22-23]