Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase March 5
DAPƐN A EFI ASE MARCH 5
Dwom 103 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 17 ¶15-19 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yeremia 1-4 (Simma 10)
No. 1: Yeremia 3:14-25 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Nea Enti a Yɛmfɛre sɛ Yehowa Din Da Yɛn So—Yes. 43:12 (Simma 5)
No. 3: Dɛn na Bible no Ka wɔ Awaregyae ne Ware a Wɔsan Ware Bio no Ho?—rs-E kr. 252 ¶1-4; +lv kr. 220 ¶1 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Nya Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2012 De no So Mfaso. Fa nnianim nsɛm no ma ɔkasa tiawa. Afei ma atiefo nka bere a wɔde susuw daa asɛm no ho ne mfaso a wɔanya afi mu nkyerɛ. Munsusuw afe 2012 afe asɛm no ho mfa nwie.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ March Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako kosi abien ka nsɛmma nhoma no mu nsɛm kakra a asasesin no mufo ani begye ho kyerɛ. Afei, gyina Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛw nsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso mu nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 75 ne Mpaebɔ