Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Adawurubɔfo betumi de nea edidi so yi mu biara ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no mma wɔn, na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Sɛ wɔyɛ Nkaedi no wie a, baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no Memeneda anaa Kwasida a edi hɔ no asɛmti ne: “Wugye Di Paa sɛ Abɛn?”
◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman bi a wɔmfaa wɔn din nkaa ɔsom afe akontaabu no ho anaa wɔn address nni Yearbook a aba foforo no kratafa a etwa to no, yɛsrɛ wo kyerɛw mo man mu Betel adwumayɛbea kobisa akwankyerɛ anaa nyansahyɛ biara a ebehia sɛ wuhu na wudi akyi. Ebia na wɔabara Ahenni adwuma no wɔ beae a ɛte saa, na wɔama wɔn anohyeto ahorow bi. (Mat. 10:16) Wɔ aman bi so no, ebia ɛrenyɛ papa sɛ ahɔho bɛhwehwɛ Adansefo anaa asafo a ɛwɔ ɔman no so no. Wobetumi ama wo akwankyerɛ foforo biara a ɛfa bɔnnɔ so adansedi anaa nhoma a wubekura ho. Sɛ wudi akwankyerɛ yi akyi a, ebetumi aboa ma woakwati ɔhaw, na asɛm biara nso amma Ahenni adwuma a wɔyɛ wɔ ɔman a wopɛ sɛ wokɔ hɔ no ho.—1 Kor. 14:33, 40.