Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase April 23
DAPƐN A EFI ASE APRIL 23
Dwom 45 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 19 ¶12-20, adaka a ɛwɔ kr. 152 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yeremia 29-31 (Simma 10)
No. 1: Yeremia 31:15-26 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Onyankopɔn Hwɛ Kwan sɛ Kristofo Bedi Homeda Dapɛn Biara? (Simma 5)
No. 3: So na Maria Yɛ Ɔbaabun Ampa Bere a Ɔwoo Yesu No?—rs-E kr. 255 ¶3-4 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Fa simma biako kosi abien ka May nsɛmma nhoma no mu nsɛm kakra a asasesin no mufo ani begye ho kyerɛ. Afei, gyina Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛw nsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso mu nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama no ho ɔyɛkyerɛ.
25 min: “Yɛn Amantam Nhyiam—Edi Nokware no Ho Adanse Kɛse.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa eyi nsie, efisɛ yɛde bedi dwuma bio wɔ September mu.
Dwom 119 ne Mpaebɔ