Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 21
DAPƐN A EFI ASE MAY 21
Dwom 121 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 21 ¶1-7, adaka a ɛwɔ kr. 166 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yeremia 44-48 (Simma 10)
No. 1: Yeremia 46:18-28 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So na Bɔne Nni Maria Ho Bere a Onyinsɛnee No?—rs-E kr. 257 ¶3–kr. 258 ¶1 (Simma 5)
No. 3: Yɛbɛyɛ Dɛn Agu ‘Ama Honhom No’?—Gal. 6:8 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ June mu no ho asɛm na ma wɔnyɛ sɛnea wɔde bɛma ho ɔyɛkyerɛ biako.
15 min: Mmabun, So Mubetumi Ayɛ Akwampaefo Aboafo wɔ Akwamma Mmere Mu? Ɔkasa. Fa bere tiaa bi ka Nhyehyɛe nhoma no kratafa 113 nkyekyɛm 1 mu asɛm, na kyerɛ ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ akwampaefo aboafo du ho. Afei, bisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔde sukuu akwamma bere yɛɛ akwampaefo aboafo no nsɛm. Hyɛ mmabun nkuran ma wonsusuw akwampaefo boafo adwuma a wɔbɛyɛ wɔ wɔn sukuu akwamma a edi hɔ no mu ho.
10 min: “Onyankopɔn Asɛm a Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn.” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 41 ne Mpaebɔ