Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 28
DAPƐN A EFI ASE MAY 28
Dwom 133 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 21 ¶8-13, adaka a ɛwɔ kr. 169 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yeremia 49-50 (Simma 10)
No. 1: Yeremia 49:28-39 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɔkwan Bɛn So na Yehowa Din Yɛ “Abannennen”?—Mmeb. 18:10 (Simma 5)
No. 3: So Maria De Ne Honam Nipadua na Ɛkɔɔ Soro?—rs-E kr. 258 ¶2-3 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 nyɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ June mu no ho ɔyɛkyerɛ.
25 min: “Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 2: Wɔma Hann no Hyerɛn.” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa nkyekyɛm a edi kan no mu asɛm no yɛ nnianim asɛm na fa nea etwa to no mu asɛm wie.
Dwom 93 ne Mpaebɔ