Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 2
DAPƐN A EFI ASE JULY 2
Dwom 116 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 23 ¶1-8, adaka a ɛwɔ kr. 180 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Hesekiel 6-10 (Simma 10)
No. 1: Hesekiel 7:14-27 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɔkwan Bɛn so na Yonatan Yɛɛ Ahobrɛase Ho Nhwɛso Fɛfɛ?—1 Sam. 23:16-18 (Simma 5)
No. 3: So Awurade Adidi Ase Abodoo ne Bobesa a Wose Ɛsakra Yɛ Yesu Honam ne Ne Mogya Ankasa no Yɛ Nokware?—rs-E kr. 262 ¶1–kr. 263 ¶2; +bh kr. 207 ¶1-3 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Sɛnea Yɛne Afiewuranom Besusuw Nsɛm Ho—Ɔfã 1. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 251 kosi kratafa 253, nkyekyɛm 2 so. Ma wɔmfa emu nsɛm no nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ July Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Paw nsɛmma nhoma no mu nsɛm abien anaa abiɛsa na fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye ho kyerɛ. Afei, gyina Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso mu nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 31 ne Mpaebɔ