Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/12 kr. 2
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyansa ne Mfaso a Ɛwom sɛ Obi Bɛyɛ Agyapade Ho Nhyehyɛe
    Nyan!—1999
  • Nea Aboro Wɔn so Abegu Yɛn Hia Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Yɛn Ahenni Som—2012
km 6/12 kr. 2

Asɛmmisa Afã

◼ Sɛ yɛpɛ sɛ wɔde yɛn agyapade nyinaa anaa ne fã bi ma Yehowa ahyehyɛde no wɔ yɛn wu akyi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

Sɛ nnipa wu a, wonni wɔn agyapade so tumi biara bio. (Ɔsɛnk. 9:5, 6) Enti nnipa pii di kan kyerɛw mmara kwan so krataa a ɛkyerɛ sɛnea wɔpɛ sɛ wɔkyɛ wɔn agyapade to hɔ. (2 Ahe. 20:1) Afei nso, wɔtaa kyerɛ onii ko a wɔpɛ sɛ ɔhwɛ agyapade no so anaa nea ɔbɛhwɛ ma wɔakyɛ no din wɔ saa mmara kwan so krataa yi mu. Wɔ aman pii so no, sɛ obi ankyerɛw krataa a ɛte saa na owu a, aban mpanyimfo bɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkyɛ n’agyapade no. Enti, sɛ yɛpɛ sɛ wɔde yɛn agyapade no yɛ biribi pɔtee, sɛ ebia wɔmfa ne nyinaa anaa ne fã bi mma Yehowa ahyehyɛde no a, ɛho hia sɛ yɛkyerɛw mmara kwan so krataa de kyerɛ saa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye paw onii a obegyina yɛn ananmu ahwɛ ma wɔayɛ nea yɛkae no.

Nea ɔbɛhwɛ agyapade no so anaa ɔbɛhwɛ ma wɔakyɛ no wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru. Sɛnea obehu nneɛma no dodow akyekyɛ no betumi agye adwuma ne bere pii nso, na eyi begyina agyapade no dodow so. Afei nso, aban ahorow taa wɔ akwankyerɛ a ɛsɛ sɛ wodi akyi. Ɛnyɛ asafo no muni biara na obetumi ahwɛ agyapade bi so anaa ahwɛ ma wɔakyekyɛ. Ɛsɛ sɛ onipa a yɛbɛpaw no no yɛ obi a ɔfata, yɛwɔ no mu ahotoso, na obegye atom sɛ ɔbɛyɛ nea yɛpɛ no.—Hwɛ asɛm “Nyansa ne Mfaso a Ɛwom sɛ Obi Bɛyɛ Agyapade Ho Nhyehyɛe,” a ɛwɔ January 8, 1999, Nyan! mu no.

Bere a Obi Aka sɛ Hwɛ N’agyapade So Anaa Hwɛ Kyekyɛ: Sɛ obi bisa wo sɛ ebia wubetumi ahwɛ ma wɔakyɛ n’agyapade wɔ ne wu akyi a, di kan susuw ho na bɔ ho mpae hwɛ sɛ ebia wubetumi adi asɛyɛde a ɛte saa ho dwuma anaa. (Luka 14:28-32) Sɛ onipa no wu a, ebehia sɛ wobɔ wɔn a ɛsɛ sɛ wonya agyapade no bi nyinaa amanneɛ. Afei bere a woanya tumi krataa a wode bɛkyɛ agyapade no, ɛbɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wokyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea mmara ne krataa no mu nsɛm kyerɛ. Ɛsɛ sɛ nea ɔbɛhwɛ agyapade no so anaa ɔbɛhwɛ akyɛ no, kyɛ no sɛnea wɔakyerɛ no pɛpɛɛpɛ, sɛ ebia agyapade no dɔɔso anaa esua no. Akyɛde biara a wɔde ma Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana no yɛ nea wɔayi ama sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom adwuma, na ɛyɛ Yehowa ahyehyɛde no dea.—Luka 16:10; 21:1-4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena