Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 16
DAPƐN A EFI ASE JULY 16
Dwom 101 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 23 ¶16-19, adaka a ɛwɔ kr. 188 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Hesekiel 15-17 (Simma 10)
No. 1: Hesekiel 16:14-27 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Nokware Bɛn na Yesu Kaa Ho Asɛm wɔ Yohane 18:37 no? (Simma 5)
No. 3: So Yesu na Ɔde Mass a Wodi no Sii Hɔ?—rs-E kr. 264 ¶1–kr. 265 ¶5 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Ma Teokrase Ɔsom Sukuu no Mmoa Wo na Nya Nkɔso sɛ Ɔsɛmpakafo. Ɔkasa a Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo ma a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no, kratafa 6, nkyekyɛm 1, kosi kratafa 8 awiei so. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa adawurubɔfo baanu nsɛm ma wɔnka sɛnea sukuu no aboa wɔn wɔ asɛnka mu.
20 min: “Boa Afoforo Ma Wontie Onyankopɔn.” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, ma wɔnyɛ sɛnea wobetumi de nhomawa no mu biako ama ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ mususuw nkyekyɛm 6 ho wie a, ma ɔdawurubɔfo no mfa simma abiɛsa nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔde Tie Onyankopɔn nhomawa no yɛ Bible adesua na wonsusuw mfonini a ɛwɔ kratafa 4 no ho.
Dwom 120 ne Mpaebɔ