Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 30
DAPƐN A EFI ASE JULY 30
Dwom 131 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 24 ¶10-15 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Hesekiel 21-23 (Simma 10)
No. 1: Hesekiel 23:35-45 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Onyankopɔn Dɔ Mu Trɛw Kodu He?—Yoh. 3:16; Rom. 8:38, 39 (Simma 5)
No. 3: Kyerɛwsɛm a Ɛkyerɛ Sɛnea Ɛsɛ sɛ Kristoni Yɛ N’ade wɔ Honam Fam Akodi Ho—rs-E kr. 271 ¶1-4; +lv kr. 53 ¶5-6 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 8 no nyɛ sɛnea yɛde nsɛmma nhoma no befi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ August mu no ho ɔyɛkyerɛ.
25 min: “Hwehwɛ Nkurɔfo na Ka Asɛm no Kyerɛ Wɔn.” Nsɛmmisa ne mmuae a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Kyerɛ sɛnea wobetumi de asɛm no adi dwuma wɔ mo asasesin no mu. Sɛ mo asafo no hwɛ kuw a wɔka ɔman foforo bi so kasa dwumadi so, anaa ɛsɛ sɛ mokɔhwehwɛ wɔn a wɔka mo kasa a, ɛnde sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, ma wɔmfa nsɛm a mubetumi aka bere a morehwehwɛ wɔn no nyɛ ɔyɛkyerɛ.
Dwom 92 ne Mpaebɔ