Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu mma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. August: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu mma. September ne October: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Wɔde Sing to Jehovah—Vocal Renditions, Disc 5 no bɛto Intanɛt so wɔ jw.org August 1, ma wɔn a wɔpɛ no akɔtwe bi. Wɔde Borɔfo de no bedi kan agu hɔ, na akyiri yi wɔde kasa afoforo mu de nso aka ho. Mubetumi afa mo asafo no so akra ne CD no bi. Esiane sɛ nea wɔtwe fi Intanɛt so no bo nyɛ den pii te sɛ apaawa no a wɔbɛyɛ de amena no nti, wɔhyɛ wɔn a wobetumi atwe bi no nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Wɔde Disc 1-4 agu hɔ dedaw.
◼ Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ Sodikuw no apene so sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛyɛ Bible Sukuu ahorow no wɔ Twi ne Borɔfo kasa mu. Eyi kyerɛ sɛ anuanom mmarima a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo ne awarefo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo no betumi apaw sɛ wɔbɛkɔ Twi anaa Borɔfo kasa mu de no bi.