Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 6
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 6
Dwom 60 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 24 ¶16-21 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Hesekiel 24-27 (Simma 10)
No. 1: Hesekiel 24:15-27 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Tebea Horow Bɛn mu na Onyankopɔn Maa Israelfo Kwan Ma Wodii Ako?—rs-E kr. 271 ¶5–kr. 273 ¶1; +cl kr. 134 ¶1 (Simma 5)
No. 3: So Hesekiel 18:20 ne Exodus 20:5 Bɔ Abira? (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: So Woasiesie Wo Ho Ama Sukuu Afe a Ɛreba No? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nkyerɛ nsɛnnennen a Kristofo mmofra behyia wɔ sukuu mu no bi. Kyerɛ sɛnea awofo betumi de Index, Young People Ask nhoma, ne asafo no nnwinnade foforo ayɛ Abusua Som de asiesie wɔn mma ma wɔagyina sɔhwɛ ahorow ano na wɔatumi aka wɔn gyidi ho asɛm. (1 Pet. 3:15) Paw asɛmti biako anaa abien fi yɛn nhoma ahorow yi mu, na ka emu nsɛm a ebetumi aboa no bi. Ma atiefo nka sɛnea wotumi dii adanse bere a na wɔwɔ sukuu mu no ho asɛm.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ August Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye ho kyerɛ. Afei, gyina Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso mu nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 97 ne Mpaebɔ