Nsakrae a Wɔayɛ Wɔ Dapɛn no mu Asafo Nhyiam Mu
Efi dapɛn a efi ase September 3 no, yɛde simma 30 na ɛbɛyɛ Asafo Bible Adesua na ɛnyɛ simma 25. Ɛsɛ sɛ nea ɔbɛhwɛ adesua no so de simma biako ti dapɛn a etwaam no adesua no mu wɔ ne nnianim asɛm no mu. Yɛbɛtew bere a yɛde yɛ Ɔsom Nhyiam no so afi simma 35 aba simma 30. Wɔayi nkaebɔ afã no afi mu. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔde nkaebɔ biara a wɔwɔ no ma wɔ dwumadi a edi kan no mu. Mpɛn pii no, sɛ wɔde nkaebɔ bi bɛma a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ kakraa bi, na ɛho renhia sɛ wodi kan ka dwumadi ahorow a wɔbɛyɛ no kyerɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔde asɛnka nhyiam ne Asa no so asiesie ho nhyehyɛe ne nkyia ahorow ho nkaebɔ ma. (km 10/08 kr. 1, nky. 4) Sɛ nkaebɔ a wɔde bɛma no ware a, ɛbɛyɛ papa sɛ wodi kan ka ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔwɔ dwumadi no ma wotwitwa wɔn dwumadi no so.