Asafo Nhyiam Ho Nhyehyɛe Foforo
1, 2. Efi January 2009 mu no, nsakrae bɛn na yɛbɛyɛ wɔ nhyiam ahorow no mu?
1 Wɔde nkaebɔ bi a ɛyɛ anigye too anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa anim wɔ April 21-27, 2008, dapɛn no mu. Nkaebɔ no ni: “Efi January 1, 2009 no, yɛbɛyɛ Asafo Nhoma Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne Ɔsom Nhyiam no nyinaa da koro. Yɛbɛsesa Asafo Nhoma Adesua no din afrɛ no Asafo Bible Adesua.”
2 Dapɛn Biara Nhyiam Ho Nhyehyɛe: Bere a yɛde bɛyɛ nhyiam yi nyinaa, a nnwom ne mpaebɔ ka ho no bɛyɛ dɔnhwerew 1 ne simma 45. Yɛde dwom ne mpaebɔ (simma 5) befi ase, na ɛno akyi no, yɛde Asafo Bible Adesua (simma 25) atoa so. Sɛ yewie ɛno ara pɛ a, yɛde Teokrase Ɔsom Sukuu (simma 30) bɛtoa so. Afei yɛde dwom (simma 5) befi Ɔsom Nhyiam (simma 35) no ase. Yɛde dwom ne mpaebɔ (simma 5) bewie nhyiam no. Nea ɛbɛboa ma moatumi asiesie mo ho ama nhyiam ahorow yi no, yɛde Asafo Bible Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne Ɔsom Nhyiam, ho nhyehyɛe bɛba Yɛn Ahenni Som no mu ɔsram biara.
3. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛyɛ Asafo Bible Adesua no?
3 Asafo Bible Adesua: Yɛbɛyɛ nhyiam yi te sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no. Ɛho renhia sɛ nea ɔbɛhwɛ so no tĩ dapɛn a etwaam no adesua no mu de fi ase. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔde nnianim nsɛm tiawa fi nhyiam no ase. Eyi bɛma atiefo no nyinaa anya bere a ɛfata de ama mmuae ntiantia. Ɔhwɛfo guamtrani no na ɔbɛhwɛ akyekyɛ dwumadi no ama mpanyimfo no, na dapɛn biara wɔn mu baako ahwɛ nhyiam no so.
4. Nsakrae bɛn na wɔbɛyɛ wɔ Ɔsom Nhyiam no mu?
4 Ɔsom Nhyiam: Ɔsom Nhyiam no rensesa, nanso wɔbɛtew bere no so. Mpɛn pii no, wɔde simma anum na ɛbɛma nkaebɔ ahorow. Eyi yɛ bere a ɛfata a wobetumi de ama nkaebɔ biara a ɛho hia na wɔde akenkan nkrataa bi a efi Betel no. Ɛho renhia sɛ wɔkenkan nkaebɔ ahorow bi te sɛ, asɛnka ho nhyehyɛe, asa so asiesie, sikasɛm ho amanneɛbɔ, ne nkrataa a ɛtaa fi Betel ba no wɔ asɛnka agua so, na mmom wɔde bɛbɔ nkaebɔ pon so ma anuanom akenkan. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya dwumadi no siesie wɔn ho yiye na wodi bere ne akwankyerɛ a wɔde ama no so.
5. Wɔ dapɛn a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra asafo no mu no, asafo nhyiam ho nhyehyɛe bɛn na wɔbɛyɛ?
5 Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ: Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no rensesa. Sɛ ɔba Benada a, wɔbɛyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam, na wowie a, wɔato dwom. Ɛno akyi no, ɔmansin sohwɛfo no de simma 30 bɛma ɔkasa. Sɛnea yɛyɛ no seesei no, sɛ ɔmansin sohwɛfo no bɛsra asafo no a, wɔbɛpaw da foforo de ayɛ Asafo Bible Adesua no, na ɛno akyi, bere a wɔato dwom awie no, wama ɔkasa. Wɔde dwom ne mpae bewie nhyiam no.
6. Dɛn ne kuw sohwɛfo no adwuma?
6 Asɛnka Nhyiam: Mpanyimfo kuw no na ɛbɛpaw kuw so ahwɛfo ma wɔahwɛ asɛnka akuw so na wɔasrasra anuanom a wɔwɔ akuw no mu no. Sɛ ɛho behia sɛ asafo mu ɔsomfo hwɛ kuw bi so a, ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no “kuw somfo.”
7. Dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ ebefi asafo nhyiam ho nhyehyɛe foforo no mu aba?
7 Sɛnea wɔakyerɛ wɔ asɛm yi mu no, yebenya hokwan asusuw nkyerɛkyerɛ ne nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den no ho. Eyi bɛboa yɛn ma yɛayɛ asɛmpakafo ne akyerɛkyerɛfo a yetu mpɔn a wɔatete yɛn ama adwuma a mfaso wɔ so.—Efe. 4:13, 14; 2 Tim. 3:17.
8. Sɛ yedi kan siesie yɛn ho a, mfaso bɛn na yɛne afoforo nyinaa benya?
8 Sɛ yedi kan siesie yɛn ho ma nhyiam ahorow yi a, ɛbɛboa yɛn ama yɛde yɛn adwene asi nsɛntitiriw no so bere a nhyiam no mu biara rekɔ so no. Yɛn nyinaa benya hokwan ama mmuae, na yɛahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. (Rom. 1:11, 12; Heb. 10:24) Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ ‘yebekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ na ‘ama yɛn nkɔso ada adi.’—2 Tim. 2:15; 1 Tim. 4:15.
9. Dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ, na dɛn ntia?
9 Yɛn ani gye nsakrae titiriw a wɔayɛ wɔ asafo nhyiam ho nhyehyɛe yi ho paa. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so de akwankyerɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no bɛyɛ adwuma na ama yɛne Oguanhwɛfo Kɛse no ntam abusuabɔ mu ayɛ den bere a ɔresiesie yɛn ama “ahohiahia” kɛse a abɛn pɛɛ no.—Mat. 24:21, 45; Heb. 13:20, 21; Adi. 7:14.