Young People Ask—What Will I Do With My Life? Video No (Ɔfã 1)
Bere a mmerante ne mmabaa renyin abɛyɛ mpanyimfo no, ɛsɛ sɛ wosi gyinae ahorow a ɛho hia. Enti, wɔayɛ video a wɔato din Young People Ask—What Will I Do With My Life? no na aboa wɔn. Sɛ wode video no hyem a, kɔ “main menu,” paw “Play Drama,” na afei hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm 2 ase no anaa. Ɛno akyi no, paw “Interviews” wɔ “main menu” afã hɔ, afei kɔ “Looking Back,” na bɔ mmɔden sɛ wubebua nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm 3 no.
Drama: (1) Akwan bɛn so na Timoteo tebea ne Kristofo mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no de di nsɛ? (2) Ɔkwan bɛn na wɔfaa so hyɛɛ Andre sɛ ɔnyere ne ho paa wɔ mmirikatu mu? (3) Dɛn na Onua Fleissig ka kyerɛɛ Andre wɔ (a) ne ho a obehyira so ama Yehowa ne ne bere nyinaa a ɔde betu mmirika no ho? (Mat. 6:24) (b) nea ɛma obi nya anigye ankasa ho? (d) nea ne kyɛnsee a ɔde fii nneduaban mu bae no ma ɔkae ho? (e) nnipa a wɔne ɔno ne ne yere wɔ mfonini no mu no ho? (ɛ) bere a obisaa no sɛ ebia onuu ne ho wɔ ne botae a ɔsesae no ho anaa no? (Filip. 3:8) (4) Bere a Andre bisaa ne nanabea sɛ, “So ɛyɛ mfomso sɛ megye din sɛ mmirikatufo” no, ɔkwan bɛn na ɔfaa so maa no ho mmuae? (Luka 4:5-7) (5) So nkonim a Andre dii wɔ mmirikatu no mu no ma onyaa akomatɔyam ankasa? (6) Dɛn na w’ani gyee ho wɔ Onua Fleissig krataa a etwa to a ɔkyerɛw maa Andre no ho? (Mmeb. 10:22) (7) Dɛn na Onua Fleissig boaa Andre ma ohui?
“Looking Back”: (8) Adwuma bɛn na na onua no ne onuawa no yɛ, na dɛn ntia? (9) Esii wɔn dɛn? (10) Dɛn na ɛmaa wɔn mu biara sakrae? (2 Kor. 5:15) (11) Onyankopɔn som mu adwuma bɛn na wɔde sii nea na wɔyɛ no ananmu, na dɛn nti na wɔtee nka sɛ wɔrentumi nyɛ abien no nyinaa? (12) So wonuu wɔn ho sɛ wɔsesaa wɔn botae wɔ asetenam? (13) Asɛm bɛn paa na wɔkae a ama woasusuw nea ɛsɛ sɛ wode w’asetena yɛ ho?
Yɛsrɛ sɛ hwɛ “interviews” ne “supplementary material” afã hɔ, na siesie wo ho sɛ wobɛma mmuae bere a yɛresusuw ho wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam ase no.