Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Momfa nkratawa a edidi so yi a mowɔ bi wɔ hɔ no mu bi mma: Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu?; Yesu Kristo—Ɔne Hena?; So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No?; Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu ne Hena Na Odi Wiase no So Ankasa? Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. January ne February: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu mma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Yɛbɛyɛ afe 2014 Nkaedi no Dwoda, April 14.
◼ Wɔ March 2013 mu no, adawurubɔfo a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no betumi de nnɔnhwerew 30 anaa 50 ayɛ asɛnka adwuma no wɔ saa ɔsram no mu. Afei nso, sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo asafo no wɔ March mu a, adawurubɔfo a wɔde wɔn ho ahyɛ akwampaefo aboafo adwuma mu no benya hokwan atena nhyiam no a ɔmansin sohwɛfo ne daa akwampaefo bɛyɛ no nyinaa mu.