Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase January 7
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 7, 2013
Dwom 104 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 3 ¶13-19 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Mateo 1-6 (Simma 10)
No. 1: Mateo 5:21-32 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn na Ɛrentumi Mma Onyankopɔn Ntie Obi Mpaebɔ?—rs-E kr. 293 ¶3–kr. 294 ¶3; +bh kr. 166 ¶5–kr. 167 ¶8 (Simma 5)
No. 3: Nea Yehowa a Wobɛma Wayɛ “Wo Kyɛfa” no Kyerɛ—Num. 18:20 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ January Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina asɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu Ahiade.
10 min: Ahenni Asa a Ɛho Tew Hyɛ Yehowa Anuonyam. Ɔkasa a asafo mu panyin ma. Yehowa Nyankopɔn yɛ kronkron, enti ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo ma honam fam ahotew ho hia wɔn paa. (Ex. 30:17-21; 40:30-32) Sɛ yesiesie beae a yehyiam som no yiye na yɛma ɛhɔ tew a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam. (1 Pet. 2:12) Ka mo hɔ osuahu anaa nea wɔatintim wɔ yɛn nhoma bi mu a ɛfa sɛnea Ahenni Asa bi a ɛho tew dii kurom hɔfo adanse no ho asɛm. Bisa onua a ɔhwɛ Ahenni Asa so hɔ asiesie ho nhyehyɛe so no nsɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ahenni Asa no so asiesie mu.
Dwom 127 ne Mpaebɔ