Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase January 21
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 21
Dwom 61 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 4 ¶9-14 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Mateo 12-15 (Simma 10)
No. 1: Mateo 14:23–15:11 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Bere a Obi Ka sɛ, ‘Wo Ne Me Mmɔ Mpae Ansa na Woaka W’asɛm Akyerɛ Me’—rs-E kr. 295 ¶4-5 (Simma 5)
No. 3: Dɛn na Yebetumi Asua Afi Nea Isak Yɛ De Kyerɛe sɛ Ɔyɛ Obi a Ɔpɛ Asomdwoe no Mu?—Gen. 26:19-22 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Ka Asɛmpa no Daa a Wunnyae. (Aso. 5:42) Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wonim wɔn sɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nsi nsɛm. Dɛn na ɛboa wɔn ma wobu asɛnka adwuma no sɛ ɛho hia paa? Dɛn na wɔyɛ de siesie wɔn ho ma asɛnka adwuma no? Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no ahyɛ wɔn den wɔ honhom fam?
10 min: Yɛn Abrabɔ Di Afoforo Adanse. (1 Pet. 2:12) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2012 Yearbook no kratafa 106, nkyekyɛm 1; kratafa 133, nkyekyɛm 2; ne kratafa 146, nkyekyɛm 3 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: “So Wubenya Asasesin a Wɔde Ama Wo no So Mfaso?” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 96 ne Mpaebɔ