Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase February 18
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 18
Dwom 52 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 5 ¶13-18 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Marko 1-4 (Simma 10)
No. 1: Marko 2:18–3:6 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ahodwiragya Nkyerɛkyerɛ no Gyina Dɛn So?—rs-E kr. 299 ¶1-6 (Simma 5)
No. 3: Ɛsɛ sɛ Yɛte Paulo Afotu a Ɛwɔ 1 Korintofo 7:29-31 no Ase Dɛn? (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
15 min: Ka Asɛm no wɔ Mmere Bɔne Mu. (2 Tim. 4:2) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2012 Yearbook no kratafa 72, nkyekyɛm 1-2; kratafa 110; kratafa 156, nkyekyɛm 1, kosi kratafa 157, nkyekyɛm 1; ne kratafa 179, nkyekyɛm 3 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
15 min: “Ɔsatu a Yɛde Bɛbɔ Nkaedi no Ho Dawuru Befi Ase March 1.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma atiefo no mu biara Nkaedi nsato krataa no biako na munsusuw emu nsɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ma ɔsom adwuma sohwɛfo nkyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛyɛ mo asasesin no mu adwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka no nyɛ sɛnea wɔde nsato krataa no bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 8 ne Mpaebɔ