Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Ho
1. So obiara na n’ani begye Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ho wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu? Kyerɛkyerɛ mu.
1 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Yehowa somfo a, ɛsɛ sɛ osua Bible no. Nanso, ebinom wɔ hɔ a wonni Kristosom mu ma enti wommu Bible no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Ebinom nso nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na wonni obu biara ma Bible no. Nnwinnade bɛn na yɛatumi de aboa wɔn a mfiase no na wɔn ani nnye Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ho? Yebesusuw nyansahyɛ a adawurubɔfo a wofi aman bɛyɛ 20 so de ayɛ adwuma ma aboa wɔn ho.
2. Sɛ obi ka sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu, na dɛn ntia?
2 Wɔn a Wonnye Nni sɛ Onyankopɔn wɔ Hɔ: Sɛ obi ka sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wuhu nea enti a ɔreka saa. So ogye adannandi di? So atɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase anaa nyaatwomyɛ a ɛwɔ nyamesom mu no ama onnye nni bio sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? So ɔman a ofi mu no, wɔka nkurɔfo gyidi wɔ Onyankopɔn mu hyɛ? Ebetumi aba sɛ ɛnyɛ sɛ wahyɛ da sɛ onnye Onyankopɔn nni, na mmom biribiara nni hɔ a epusuw no sɛ ɔmfa ne werɛ nhyɛ Onyankopɔn mu. Adawurubɔfo pii ahu sɛ, sɛ wobisa onipa no sɛ, “Wunyaa saa adwene no akyɛ?” a, ɛma ɔka n’adwene. Sɛ ɔrekasa a, yɛ aso tie na ntwa n’ano. Sɛ yehu nea enti a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no a, ɛbɛma yɛahu nea yɛbɛka ne nhoma ko a yɛde bɛma no.—Mmeb. 18:13.
3. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yebu ofiewura no na yɛnkasa ntia ne gyidi?
3 Sɛ worekasa a, hwɛ yiye na woamma onipa no ante nka sɛ worekasa atia n’adwenkyerɛ. Betel a ɛwɔ United States no de nyansahyɛ yi ma sɛ: “Ɛho hia paa sɛ yɛda obu adi, efisɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔpaw gyidi a ɔpɛ. Sɛ́ anka yɛbɛkyerɛ sɛ yɛn de na eye no, ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa nsɛm a ɛma nkurɔfo susuw nneɛma ho, na wɔn ankasa asi gyinae.” Nea ɔmansin sohwɛfo bi yɛ ni, sɛ otie ofiewura no wie a, obisa no sɛ, “Woasusuw asɛm yi ho pɛn?”
4. Yɛbɛyɛ dɛn aboa Buddhafo?
4 Buddhafo pii wɔ hɔ a wɔntee Onyankopɔn ho asɛm da. Enti sɛ anuanom a wɔwɔ Britain no mu pii redi wɔn adanse a, wɔtaa de nhomawa a wɔato din Lasting Peace and Happiness—How to Find Them no di dwuma. Sɛ wosusuw nnianim asɛm no ho wie a, wɔdan kɔ ɔfã a ɛne “Is There Really a Most High Creator?” ne “A Guidebook for the Blessing of All Mankind” no so kosusuw ho. Ɛno akyi no, ebia wɔde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kyerɛ ofiewura no na wɔka sɛ: “Sɛ wunnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo a, wubetumi asua Bible no, efisɛ afotu pii wɔ mu a ebetumi aboa wo.” Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ United States a ɔka asɛm no kyerɛ Chinafo ka sɛ: “Wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no mu pii pɛ akenkan. Enti mpɛn pii no, sɛ woma wɔn nhoma a, wobɛsan akɔ hɔ bio no na wɔakenkan ne nyinaa awie. Nanso, wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua. Enti wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no, ɛyɛ a mepɛ sɛ mede Asɛmpa nhomawa no ma wɔn, efisɛ wɔayɛ no wɔ ɔkwan bi so a ɛtwetwe nkɔmmɔbɔ.” Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔsom ɔmansin a wɔka China kasa wɔ United States ka sɛ, yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ayɛ adwuma wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Nanso, sɛ́ anka yɛde ti 1 a ɛka Onyankopɔn ho asɛm befi adesua no ase no, ɛbɛyɛ papa sɛ yefi ase wɔ ti 2 no mu, efisɛ ɛtwe adwene si Bible no so.
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya abotare?
5 Obi mfiti prɛko pɛ nnya Onyankopɔn mu gyidi, enti abotare ho hia paa. Ebia bere a edi kan a yɛne onipa no bɛbɔ nkɔmmɔ no, ɔrennye ntom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Nanso, ebia akyiri yi obegye atom, anaasɛ ebia ɔbɛka sɛ wɔahu nea enti a obi betumi aka sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no.
6. Dɛn na ebetumi ama ebinom ani rennye Bible no ho?
6 Wɔn a Wɔn Ani Nnye Bible Ho Anaa Wonni Mu Ahotoso: Mpɛn pii no, obi a ogye tom sɛ ebia Onyankopɔn wɔ hɔ no ani ntaa nnye Bible nkyerɛkyerɛ ho efisɛ onnye nni sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Ebia baabi a ɔte no, ɛhɔfo nnyɛ Kristofo na wobu Bible sɛ ɛyɛ Kristoman nhoma bi kɛkɛ. Anaasɛ ebia ɔte ɔman a wose wɔyɛ Kristofo mu nanso wiase mu nneɛma agye wɔn adwene ma enti wonhu mfaso a ɛwɔ Bible no so. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nnipa a wɔte saa ma wɔn ani agye Bible no ho, na wɔapene so ma yɛne wɔn asua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no?
7. Ɔkwampa bɛn na yebetumi afa so aboa nkurɔfo ma wɔn ani agye Bible no ho?
7 Betel a ɛwɔ Greece no kyerɛw sɛ: “Sɛ yehyia wɔn a wɔn ani nnye Bible no ho a, ɔkwampa a yebetumi afa so aboa wɔn ne sɛ yebebue Bible no mu akenkan akyerɛ wɔn ma wɔahu nea ɛwom. Adawurubɔfo pii ahu sɛ, nkyerɛkyerɛmu biara nni hɔ a wɔde bɛma obi a ɛbɛka ne koma kɛse te sɛ Bible no a wobɛkenkan akyerɛ no. (Heb. 4:12) Sɛ nkurɔfo hu Onyankopɔn din wɔ Bible mu a, ɛma wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛhwehwɛ Bible no mu.” Betel a ɛwɔ India no nso kyerɛw sɛ: “Hindufo pii te nokwasɛm a ɛfa nkwa ne owu ho a, ɛka wɔn koma paa. Saa ara nso na wɔn ani gye Bible mu bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a nnipa mu nyiyim biara nni mu ho no ho.” Sɛ adawurubɔfo ka ɔhaw a nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no hyia ho asɛm a, ɛma wotumi de Bible no kyerɛ wɔn nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ de asiesie nneɛma.
8. Dɛn na yebetumi aka akyerɛ wɔn a Kristoman ama wɔanya Bible no ho adwene a ɛmfata no?
8 Sɛ Kristoman ama obi anya Bible no ho adwene a ɛmfata a, ma onhu sɛ Kristoman akyinkyim Bible no mu nsɛm, na wɔasi emu nkyerɛkyerɛ ti ase. Betel a ɛwɔ India no kyerɛw sɛ: “Ɛtɔ da bi a, ehia sɛ yɛboa nkurɔfo ma wohu sɛ ɛnyɛ asɔre ahorow no nti na wɔyɛɛ Bible no.” Wɔkae sɛ, Hindufo ani taa gye Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? nhomawa no fã a ɛto so 4 no ho paa. Saa ɔfã no kyerɛkyerɛ ɔkwan a asɔre ahorow no fa so de nkyerɛkyerɛ a ɛmfata frafra Bible no mu na wɔsɛe Onyankopɔn Asɛm no. Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Brazil taa ka kyerɛ nkurɔfo sɛ: “Dɛn nti na wonhwɛ sɛ wubenya nsɛm pii afa Bible no ho? Nnipa pii de adwempa hwehwɛ Bible no mu a wɔmma ɔsom biara nkyekyere wɔn. Nea wubehu no betumi ama wo ho adwiriw wo.”
9. Sɛ mfiase no ebinom ani annye Bible nkyerɛkyerɛ ho a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu?
9 Yehowa nim onipa biara komam. (1 Sam. 16:7; Mmeb. 21:2) Ɔtwe wɔn a wɔwɔ nokware som ho komapa ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Wɔn mu pii wɔ hɔ a wɔntee Onyankopɔn ho asɛm da, na ebinom nso nnim Bible no ho nsɛm pii. Asɛnka adwuma a yɛyɛ no ma ogye wɔn “ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Enti sɛ mfiase no ebinom ani annye Bible nkyerɛkyerɛ no ho a, mma w’abam mmu! Fa nnwinnade a ɛwɔ mo kasa mu no bi kanyan wɔn anigye. Awiei koraa no, wubetumi adan nkɔmmɔbɔ no akɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mu, efisɛ ɛno ne nhoma titiriw a yɛde yɛ Bible adesua.
[Kratafa 4 adaka]
Sɛ ofiewura bi ka sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, sɔ eyi hwɛ:
• Bisa no sɛ, “Wunyaa saa adwene no akyɛ?” na ama woahu nea enti a ɔreka saa.
• Sɛ ɔyɛ Buddhani a, fa Lasting Peace and Happiness—How to Find Them nhomawa no kratafa 9-12 yɛ adwuma.
• Sɛ ogye adannandi di a, nea edidi so yi betumi aboa no:
Nyan! nsɛmma nhoma mu nsɛm a ɛne “So Wɔbɔe?” no
The Wonders of Creation Reveal God’s Glory video no
Nhomawa ahorow yi, Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya, ɔfã 4; Was Life Created?; ne The Origin of Life—Five Questions Worth Asking
• Sɛ atɛnkyea anaa amanehunu ama onnye nni bio sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, nea edidi so yi betumi aboa:
Is There a Creator Who Cares About You? nhoma no ti 10
Nhomawa ahorow yi, So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ankasa? ɔfã 6, ne Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? ɔfã 6
• Sɛ ofiewura no gye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, ntɛm ara dan kɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ mufi ase fi ti 2 anaa asɛmti bi a ɛbɛboa no.
[Kratafa 5 adaka]
Sɛ ofiewura no nnye Bible no nni a, sɔ eyi hwɛ:
• Munsusuw Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no ti 17 ne 18 ho.
• Hindufo, fa Why Should We Worship God in Love and Truth? nhomawa no yɛ adwuma.
• Yudafo, fa Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no kratafa 3-11 yɛ adwuma.
• Munsusuw mfaso a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm ahorow so. Nhoma ahorow a wubetumi de aboa obi ma wahu mfaso a ɛwɔ Bible no so no bi ne:
“Mmoa a Wɔde Ma Abusua No” a ɛba Nyan! mu
The Bible—Its Power in Your Life video no
Nhomawa ahorow yi: Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ!, adesua 9 ne 11; Amansan Nhoma, kratafa 22-26; ne Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya, ɔfã 2
Buddhafo, fa The Pathway to Peace and Happiness nhomawa no kratafa 3-7 yɛ adwuma.
Nkramofo, fa Real Faith—Your Key to a Happy Life nhomawa no fã a ɛto 3 yɛ adwuma.
Sɛ woreka asɛm no wɔ baabi a nkurɔfo ani nnye Bible ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ wotwɛn kosi bere bi ansa na woama wɔahu nhoma ko a wunya wo nsɛm no fi mu.
• Kyerɛkyerɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow anya mmamu no mu kyerɛ wɔn. Nhoma ahorow a wubetumi de ayɛ adwuma no bi ne:
The Bible—Accurate History, Reliable Prophecy video no
Nhomawa a wɔato din, Amansan Nhoma no kratafa 27-29
• Sɛ obi bisa asɛm bi fa Bible mu asɛm bi ho a, ntɛm ara dan kɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu.
[Kratafa 6 adaka]
Sɛ ofiewura no ka sɛ: “Minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a,” wubetumi aka sɛ:
• “So metumi akyerɛ wo nea ɛma migye dii sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no mu akyerɛ wo tiawa?” Afei, wo ne no nsusuw asɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no, kratafa 84-86, anaa yɛ nhyehyɛe kɔma no nhoma bi a wokenkan ma w’ani gyee ho.
• “Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, anka dɛn na wobɛhwehwɛ afi ne hɔ?” Afiewuranom pii wɔ hɔ a, nea wɔka ne sɛ anka wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, ɔyɛ atɛntrenee, ɔwɔ mmɔborɔhunu, na ɔnhwɛ nnipa anim. Kenkan fi Bible no mu ma onhu sɛ Onyankopɔn wɔ su ahorow a ɛte saa. (Ebia wubetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 1 ayɛ adwuma, wubetumi afi ase afi nkyekyɛm 6 no.)
Sɛ ofiewura no ka sɛ: “Minnye Bible nni a,” wubetumi aka sɛ:
• “Ɛnyɛ wo nkutoo na wowɔ adwene a ɛte saa. Ebinom susuw sɛ Bible no nka nyansahu ho asɛm anaasɛ emu nsɛm no atwam. Ma me mmisa wo, so wanya hokwan akenkan Bible no pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei fa nnianim asɛm a ɛwɔ Amansan Nhoma no kratafa 3 no kyerɛ no na fa nhomawa no ma no.] Esiane sɛ nyamesom asi Bible nkyerɛkyerɛ no ti ase nti, ama nnipa pii nni obu ma Bible no. Da a mɛba no, mɛpɛ sɛ yesusuw nhwɛso a ɛwɔ kratafa 4 ne 5 no ho.”
• “Nnipa pii nso kura adwene a ɛte saa. Mepɛ sɛ mede nea ɛmaa m’ani gyee Bible no ho kyerɛ wo. [Kenkan Hiob 26:7 anaa Yesaia 40:22. Ɛhɔ ma yehu sɛ Bible no ne nyansahu hyia.] Afotusɛm a ebetumi aboa mmusua nso wɔ Bible no mu. Bere foforo sɛ meba a, m’ani begye ho sɛ mɛkyerɛ wo nea enti a mereka saa.”
• “Meda wo ase paa sɛ woaka akyerɛ me. Sɛ Onyankopɔn kyerɛw nhoma bi ma adesamma a, dɛn na wohwɛ a ɔbɛkyerɛw wom?” Afei fa biribi a ɛne n’asɛm no hyia a ɛwɔ Bible mu kyerɛ no.