Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/13 kr. 4-6
  • Osuahu Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Osuahu Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 12/13 kr. 4-6

Osuahu Ahorow

◼ Australia: Bere a ɔbarima bi a wɔfrɛ no John a wasua nhoma akɔ akyiri yɛ abofra no, na ɔkɔ asɔre, nanso akyiri yi “obegye gyinaa mu denneennen sɛ Onyankopɔn nni hɔ.” Ɔkwampaefo bi maa no Was Life Created? nhomawa no bi na akyiri yi ɔkɔmaa no Origin of Life nhomawa no nso bi. Ɔkwampaefo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔde nsɛmma nhoma ne nhoma a abɔde anaa Bible nkɔmhyɛ ho nsɛm wom a ɛba biara bɛkɔ akɔma no de akɔ so akanyan n’anigye. Bere a ohui sɛ John rekyerɛ ho anigye no, ɔmaa no The Bible—God’s Word or Man’s? Bere a John kenkan wiei no, ofii ase kae sɛ “ontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Afei ɔkwampaefo no maa no Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bi, na ɔde kratafa 20 nkyekyɛm 8 ne kratafa 23-24 nkyekyɛm 13-16 kyerɛɛ no. John ani gyee kyerɛw nsɛm a ɛwom no ho paa ma ɔkae sɛ, “Ebia ɛsɛ sɛ mesan hwehwɛ Bible no mu bio.”

◼ Mexico: Owura bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ, ɔno de onnye nni sɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw Bible no. Ɔdansefo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔma no adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw Bible no. Bere a wosuaa ade koduu baabi no, n’ani begyee nea na ɔresua wɔ Bible mu no ho paa. Nea ɛkaa no kɛse koraa ne Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Bible mu no. Ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ: “Mfiase no, sɛ wo ne me kenkan Bible no a, na mihu no sɛ afotusɛm a efi nhoma biara mu kɛkɛ ma enti na ɛnka me koma. Nanso, seesei de sɛ yɛkenkan a, ɛnkanka afotu a yetumi de bɔ yɛn bra no a, ewurawura me koma mu.”

◼ United States: Awarefo bi a na wɔreyɛ nkurow akɛse mu baguam adansedi titiriw adwuma no bi hyiaa ɔbea bi a ofi Taiwan a na ogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ nanso Bible no yɛ Amerikafo nhoma. Ɔbea no kɔɔ baabi a na wɔahyehyɛ nhoma no, efisɛ ɛwom sɛ na odi yiye de, nanso na onni anidaso biara. Ná ogye di sɛ Bible no bɛboa no ma wanya anidaso wɔ asetena mu. Awarefo no fii ase ne no suaa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ne Lasting Peace and Happiness—How to Find Them nhomawa no. Sɛ́ anka wobesua ti 2 no, wosuaa asɛmti a ɛne “A Guidebook for the Blessing of All Mankind.” Bere a wosusuw nkyekyɛm biako kosi asia ho wiei no, ɔbea no de anigye kae sɛ, sɛ ɔde Bible no toto nyamesomfo nhoma afoforo ho a, ohu sɛ Bible no yɛ soronko koraa. Bere a wosusuw Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya ne mmamu ho wiei no, ɔkae sɛ, “Minhuu nhoma biara a emu nsɛm yɛ nokware te sɛ Bible no da!”

◼ Japan: Ɛwom sɛ ofiewura bi ka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo bi sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de, nanso ɛyɛ a ɔdawurubɔfo no kɔsra no ne no susuw Nyan! mu asɛm a ɛne “So Wɔbɔe?” no ho tiawa. Nkakrankakra ɔbarima no sesaa n’adwene na ogye toom sɛ ɛbɛyɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Seesei de, wabegye adi sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, na ɔdawurubɔfo no ne no resua Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no.

◼ Canada: Onuawa bi de nsɛmma nhoma a aba foforo no bi maa ɔbea bi a na ofi ne fie rekotu ne kar. Bere a onuawa no san kɔsraa no akyiri yi no, ɔbea no ka kyerɛɛ no pen sɛ n’ani nnye ho, na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Onuawa no sii ne bo sɛ ɔremma n’abam mmu, enti ɔsan kɔmaa no Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya nhomawa no bi. Bere a onuawa no kɔtoo ɔbea no wɔ fie no, onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ, ɛwom sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ de, nanso odwen ne ho efisɛ wahu sɛ ɔyɛ ɔbaatan koro. Obuee nhomawa no kratafa 4 no, na ɔde nkyekyɛm 6 a ɛkyerɛ baabi a obi betumi anya afotu pa no kyerɛɛ no. Afei ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan nyansahyɛ a ɛwɔ adesua 2 a ɛka sɛnea ɛsɛ sɛ awofo tete wɔn mma ho asɛm no. Ɔbea no ani gyei, na ogyee nhomawa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena