Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/13 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2013
Yɛn Ahenni Som—2013
km 12/13 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase December 30, 2013 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.

1. Sɛ yɛne wiase atumfoɔ redi nsɛm a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛada odwo adi? (Tito 3:2) [Nov. 4, w03 4/1 kr. 25 nky. 18-19]

2. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Filemon a ɛwɔ Filemon 4, 5, ne 7 no mu? [Nov. 4, w08 10/15 kr. 31 nky. 1, 2; w92 4/15 kr. 25 nky. 2]

3. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛn Onyankopɔn home mu? (Heb. 4:9-11) [Nov. 11, w11 7/15 kr. 28 nky. 16, 17]

4. Dɛn na yebetumi asua afi Samuel, atemmufo anokwafo, ne adiyifo a wɔmaa “adetrenee kɔɔ so” no hɔ? (Heb. 11:32, 33) [Nov. 18, w11 4/1 kr. 26 nky. 5, 6]

5. Dɛn nti na Yakobo kyerɛw sɛ “nyansa a efi soro no de, nea edi kan no, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe”? (Yak. 3:17) [Nov. 25, w11 8/15 nkr. 30-31 nky. 15]

6. Henanom ne “awufo” a “wɔkaa asɛmpa no” kyerɛɛ wɔn no? (1 Pet. 4:6) [Dec. 2, w08 11/15 kr. 21 nky. 8]

7. Ahyɛde bɛn na Yohane kaa ho asɛm wɔ 1 Yohane 2:7, 8 sɛ ɛyɛ “dedaw” na ɛsan yɛ “foforo” no? [Dec. 9, w08 12/15 kr. 27 nky. 6]

8. Henanom na wokura abodin a ɛne “Alfa ne Omega” ne “Odikanfo ne Okyikafo” no? (Adi. 1:8, 17) [Dec. 16, w09 1/15 kr. 30 nky. 6]

9. Akwan abien bɛn so na ‘wɔasɔ’ Kristofo a wɔasra wɔn no ano? (Adi. 7:3) [Dec. 23, w07 1/1 kr. 31 nky. 2]

10. Dɛn na ɛma yegye di paa sɛ nhyira a Bible aka sɛ Ahenni no de bɛba no bɛba mu ampa? Ɛsɛ sɛ eyi a yenim no ka yɛn dɛn? (Adi. 21:5, 6) [Dec. 30, re kr. 304 nky. 9]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena