Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase January 6
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 6, 2014
Dwom 132 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
cl kr. 3 ne ti 1, ¶1-9 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Genesis 1-5 (Simma 10)
No. 1: Genesis 4:1-16 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn ne Asɛm a Efi Onyankopɔn Hɔ No?—fg adesua 1 asɛmmisa 1 (Simma 5)
No. 3: So Ɔsom Nyinaa Kyerɛkyerɛ Nokware No?—ol adesua 1 ¶1-5 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ January Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina asɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Nyan! no nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan 1 Korintofo 9:19-23. Munsusuw sɛnea kyerɛwtohɔ yi betumi aboa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu no ho.
Dwom 7 ne Mpaebɔ