Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase January 20
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 20
Dwom 34 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 1 ¶18-23, adaka a ɛwɔ kr. 14 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Genesis 11-16 (Simma 10)
No. 1: Genesis 14:17–15:11 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ na Yɛanya Daa Nkwa?—fg adesua 1 asɛmmisa 3 (Simma 5)
No. 3: Nea Enti a Wubetumi Agye Bible no Adi—ol adesua 2 ¶5-7 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
10 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan Mateo 7:6-11. Munsusuw sɛnea kyerɛw nsɛm yi betumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu no ho.
10 min: Momfa Obu Mma Wɔn a Wɔyɛ Adwumaden wɔ Mo Mu No. (1 Tes. 5:12, 13) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina nsɛmmisa yi so: (1) Adwumaden bɛn na mpanyimfo no yɛ wɔ asafo no mu? (2) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ nidi soronko ma asafo mu mpanyimfo no? (3) Dɛn nti na wɔn a wodi yɛn anim no hia nkuranhyɛ? (4) Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ asafo mu mpanyimfo ne wɔn mmusua nkuran? (5) Dɛn nti na sɛ yɛyɛ osetie ma wɔn a wodi yɛn anim no a, ɛboa asafo no ne emu mpanyimfo no?
10 min: “Boa Nea Wo Ne no Rekɔ Asɛnka No—Nka W’ano Ntom.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma atiefo nka mmoa a wɔanya afi obi a wɔne no kɔɔ asɛnka hɔ nkyerɛ.
Dwom 93 ne Mpaebɔ