Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 30
DAPƐN A EFI ASE JUNE 30
Dwom 5 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 9 ¶8-20 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Leviticus 14-16 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
Ɔsom Nhyiam:
10 min: “Munni Ho Dwuma Ntɛm.” Ɔkasa. Memeneda a edi kan wɔ July mu no, yɛbɛkɔ akɔhwehwɛ Bible adesua foforo, enti sɛ woma ɔkasa no wie a, ma wɔmfa asɛm a yebetumi aka de afi Bible adesua ase a ɛwɔ kratafa 8 no nyɛ ɔyɛkyerɛ.
20 min: Wusua Ade a, Ɛbɛma Woayɛ Ɔsɛmpakafo Pa. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 27-32. Bisabisa ɔdawurubɔfo bi a ogye bere sua ade nsɛm.
Dwom 69 ne Mpaebɔ