Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 11
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 11
Dwom 71 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 11 ¶9-16 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Numeri 7-9 (Simma 10)
No. 1: Numeri 9:9-23 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn Nti na Yesu Yɛ Ɔhene a Ɔfata?—fg adesua 7 asɛmmisa 2 (Simma 5)
No. 3: Afã Bɛn na Nyamesom Akannifo Anya wɔ Akodi Mu?—ol adesua 6 ¶7-10 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
5 min: “1914-2014: Ahenni no Adi Tumi Mfe Ɔha!” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan asɛm a ɛwɔ kratafa yi atifi no. Ɔsom Nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ wɔ ɔsram yi mu no bɛtwe adwene asi Ahenni no so. Kyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛkɔ asɛnka.
10 min: “Fa Wɛbsaet Kratawa Foforo no Yɛ Adwuma.” Monsusu kratawa no mu nsɛm ho. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Ɔdawurubɔfo bi de kratawa no ama obi, na ɔde ne fon anaa biribi a ɛte saa rekyerɛ onipa no sɛnea ɔbɛtumi akɔ jw.org so.
15 min: “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Ahotoso Ka Ahenni no Ho Asɛm.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma adawurubɔfo mmienu mfa tebea a edi so yi nyɛ ɔyɛkyerɛ: Wɔdi santen mu retɔ ade wɔ sotɔɔ bi mu. Onipa a ɔgyina ɔdawurubɔfo no nkyɛn rehwɛ atesɛm krataa mu na ɔka sɛ: “Wiase bɛn koraa ni? Obiara sɔre a ɔse mɛtumi ayɛ, nanso nneɛma sɛe ara na ɛresɛe.” Ɔdawurubɔfo no ne ne ho kasa. Ɔka sɛ: ‘Asɛm yi de, ɛnsɛ sɛ meka m’ano tom. Ɛsɛ sɛ meka Ahenni no ho asɛm kyerɛ no!’ Afei, ɔdawurubɔfo no ka kyerɛ onipa no sɛ: “Eyi de ka na ka bio; da koro mpo nni hɔ a yɛnte asɛmmɔne. Nanso ma memfa me kratawa yi nkyerɛ wo. Wɛbsaet a ɛreka ho asɛm no aboa me ma manya nsɛmmisa a ɛho hia paa ho mmuae.” Ɔdawurubɔfo no twe n’adwene si kratawa no mu asɛm baako so, na onipa no nso kyerɛ ho anigye.
Dwom 92 ne Mpaebɔ