Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Yɛbɛsusu nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase August 25, 2014 mu.
Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Leviticus 18:3 no bɛtumi aboa ma yɛanya papa ne bɔne ho adwene a ɛfata? (Efe. 4:17-19) [July 7, w02 2/1 kr. 29 nky. 4]
Dɛn na ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:2 no ma yɛhu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di so? [July 7, w09-E 7/1 kr. 9 nky. 5]
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wɔtwa wɔn asase so nnɔbae a, mma wɔnnsesaw ase no. Ɛnnɛ, dɛn na yɛsua fi saa asɛm no mu? (Lev. 19:9, 10) [July 7, w06 6/15 kr. 22-23 nky. 13]
Sɛ Bible ka sɛ “aniwa nsi aniwa ananmu” a, ɛkyerɛ sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ bi tua no ka anaa? (Lev. 24:19, 20) [July 14, w09 10/1 kr. 18 nky. 3-4]
Sɛ Israelni bi bɔ ne yɔnko bosea a, bere bɛn na na ɛnsɛ sɛ ɔgye mfɛntom? Bere bɛn na na ɔbɛtumi agye mfɛntom? (Lev. 25:35-37) [July 21, w04 5/15 kr. 24 nky. 3]
Yɛhwɛ mu paa a, na Israelfo no yɛ mmusuakuw 13, nanso adɛn nti na wɔtaa ka sɛ wɔyɛ mmusuakuw 12? (Num. 1:49, 50) [July 28, w08 7/1 kr. 21]
Numeri ti 8 nkyekyɛm 25 ne 26 no ma yɛhu sɛ sɛ Lewini bi di mfe 50 a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ adwuma bio, na eyi kyerɛ sɛ wɔdwen mpanyimfo ho. Dɛn na yɛsua fi mu? [Aug. 11, w04 8/1 kr. 25 nky. 1]
Yehowa yii Israelfo no fii Egypt no, adɛn nti na akyiri yi wɔnwiinwii? Dɛn na yɛsua fi nea Israelfo yɛe no mu? (Num. 11:4-6) [Aug. 18, w95 3/1 kr. 15-16 nky. 10]
Bere a Mose tee sɛ Eldad ne Medad reyɛ wɔn ade sɛ adiyifo no, n’ani gyei. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (Num. 11:27-29) [Aug. 18, w04 8/1 kr. 26 nky. 4]
Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnyɛ wɔn “ntade ano mmɛsã.” Dɛn na yɛsua fi saa asɛm no mu? (Num. 15:37-39) [Aug. 25, w04 8/1 kr. 26 nky. 10]