Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 25
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 25
Dwom 112 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 12 ¶1-8 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Numeri 14-16 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
Ɔsom Nhyiam:
5 min: Asafo mu Osuahu Ahorow. Ma wɔnyɛ osuahu baako anaa mmienu ho ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi de ahotoso reka Ahenni no ho asɛm. Monsusuw Hebrifo 6:11, 12 ho tiawa, na ma wɔnhu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho bɔ Ahenni no ho dawuru.
10 min: Ahenni no a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu—Ɔfã 1. Ɔkasa a asafo mu panyin ma. Egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 280, nkyekyɛm 1-4 so.
15 min: Ahenni no a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu—Ɔfã 2. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 280, nkyekyɛm 5 kosi kratafa 281, nkyekyɛm 1 so. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ baako mfa nkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi reboa obi ama wahu sɛ Ahenni no yɛ nniso ankasa.
Dwom 101 ne Mpaebɔ