Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 8
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 8
Dwom 133 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 12 ¶16-21, adaka a ɛwɔ kr. 127 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Numeri 22-25 (Simma 10)
No. 1: Numeri 22:36–23:10 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Reyɛ?—fg adesua 7 asɛmmisa 5 (Simma 5)
No. 3: Henanom na Wɔsom Nokware Som?—ol adesua 7 ¶1-4 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
15 min: Da Suban Pa Adi Bere a Woreka Asɛm No. (2 Kor. 6:3) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɛgyina nsɛmmisa yi so: (1) Sɛ yɛreka asɛmpa no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda suban pa adi? (2) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ suban pa (a) bere a yɛn asɛnka kuw akodu asasesin no mu? (b) bere a yɛfi ofie bi mu rekɔ ofie foforo mu, anaa yɛrefi kurow baako so akɔ kurow foforo so? (d) bere a yɛgyina obi pon ano? (e) bere a nea ɔka yɛn ho no redi obi adanse? (ɛ) bere a ofiewura no rekasa? (f) bere a ofiewura no nni adagyew anaa ewiem nyɛ papa? (g) bere a ofiewura no ne yɛn anni no yiye?
15 min: “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe Pa.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ baako. Onua bi ne ne ho rekasa; ɔrebɛkɔ asɛnka enti ɔredwendwene ho ahu asɛmmisa a sɛ ɔma obi nsɛmma nhoma a ɔde bɛgya no na wagyina so akɔyɛ sankɔhwɛ.
Dwom 68 ne Mpaebɔ