Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfiri Aseɛ February 2
NNAWƆTWE A ƐFIRI ASEƐ FEBRUARY 2
Dwom 109 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 19 ¶18-23, adaka a ɛwɔ kr. 198 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Atemmufoɔ 8-10 (simma 8)
No. 1: Atemmufoɔ 8:13-27 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Bible no, Hwan na Ɔtwerɛeɛ?—igw kr. 6 ¶1-5 (simma 5)
No. 3: Asetena a Emu Yɛ Den Firi Aseɛ—my adesua 5 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: Fa ‘ahobrɛaseɛ adwene som Awurade.’—Aso. 20:19.
10 min: Fa Nsɛmma Nwoma Ma February. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔmfa nsɛm a ɛwɔ nifa so no nyɛ ɔyɛkyerɛ mmienu. Nea ɛdi kan, sɛnea yɛde Ɔwɛn-Aban bɛma; nea ɛtɔ so mmienu, sɛnea yɛde Nyan! bɛma. Afei monsusu nsɛm a yɛbɛtumi aka no mu biara ho.
10 min: Asafo mu ahiadeɛ.
10 min: Wode Yɛɛ Adwuma? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Berɛ a yɛresusu asɛm a ɛne, “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛbua Ofiewura a Ne Bo Afu” ho no, wɔkaa sɛ yɛmfa nyɛ adwuma. Ma atiefo nka sɛnea nyansahyɛ no aboa wɔn, na wɔnka osuahu a ɛhyɛ nkuran.
Dwom foforɔ “Ma Yɛn Akokoɔduro” ne Mpaebɔ
Yɛsrɛ wo hyɛ no nso: Ma wɔnni kan mfa afidie no mmɔ dwom foforɔ no ma no nsi ansa na asafo no nyinaa ato adi akyire sɛnea wɔyɛ no daa no.