Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Ase March 9
NNAWƆTWE A ƐFI ASE MARCH 9
Dwom 44 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 21 ¶9-15 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Samuel 1-4 (simma 8)
No. 1: 1 Samuel 2:30-36 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Dɛn na Bible Ka Faa Mesia no Ho?—igw kr. 10 (simma 5)
No. 3: Noa Pam Adaka—my adesua 9 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Siesie Wo Ho Ma Adwuma Pa Biara.’—Tito 3:1.
10 min: ‘Siesie Wo Ho Ma Adwuma Pa Biara.’ Ɔkasa a ɛgyina bosome yi asɛmti so. Kenkan Mmebusɛm 21:5, Tito 3:1, ne 1 Petro 3:15, na kyerɛkyerɛ mu. Kyerɛ nea enti a ahosiesie pa boa Kristofo. Nsɛm a yɛbɛsusu ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase bosome yi mu bi ne sɛn? Kyerɛ sɛnea ɛfa bosome yi asɛmti ho.
10 min: Bisabisa Teokrase Ɔsom Sukuu Sohwɛfo Nsɛm. Wobɛtumi akyerɛkyerɛ wo dwumadi no mu kakra akyerɛ yɛn? Ahosiesie bɛn na woyɛ na woatumi ahwɛ sukuu no so nnawɔtwe biara? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ sukuuni biara siesie ne ho yie bɛyɛ ne dwumadi? Sɛ anuanom di kan hwɛ dwumadi no mu ansa na wɔaba adesua a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?
10 min: “Woresiesie Wo Ho Ama Nkaedi No?” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Hwɛ March 2013 Yɛn Ahenni Som no kratafa 2, na ka ɛhɔ asɛm tiawa. Ɔyɛkyerɛ: Ɔdawurubɔfo bi rema ɔhɔho bi akwaaba aba Nkaedi no ase.
Dwom 8 ne Mpaebɔ