Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ September 21
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ SEPTEMBER 21
Dwom 53 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 30 ¶19-23, adaka a ɛwɔ kr. 309 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Ahemfo 19-22 (simma 8)
No. 1: 2 Ahemfo 20:12-21 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Aduane Foforɔ—my adesua 34 (simma 5)
No. 3: Dɛn Nti na Yɛhia Akwankyerɛ?—fg adesua 11 asɛmmisa 1 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Di asɛmpa no ho adanseɛ fekɔfekɔ.’—Aso. 20:24.
10 min: Dɛn na Yɛtumi Yɛɛ no Afe a Ɛtwaam No? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo bɛdi ho dwuma. Kyerɛ nea mo asafo no tumi yɛeɛ wɔ ɔsom afe a ɛtwaam no mu. Hwɛ nneɛma a mobɔɔ mu mmɔden na kamfo anuanom. Afei, ka adeɛ baako anaa mmienu bi a asafo no bɛtumi adi ho dwuma wɔ ɔsom afe a ɛreba no mu, na kyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa.
10 min: Yɛdi Adanse Fekɔfekɔ a Ɛso Aba. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɛgyina 2015 Yearbook no so. Hwɛ kratafa 54, nkyekyɛm 1; kratafa 56, nkyekyɛm 2, kɔsi kratafa 57, nkyekyɛm 1; ne kratafa 63, nkyekyɛm 2, kɔsi kratafa 64, nkyekyɛm 1. Mosusu ɔfã biara ho wie a, ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: “Suasua Wɔn Gyidi.” Nsɛmmisa ne mmuaeɛ.
Dwom 81 ne Mpaebɔ