Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr18 August kr. 1-2
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • AUGUST 6-12
  • AUGUST 13-19
  • AUGUST 20-26
  • AUGUST 27–SEPTEMBER 2
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
mwbr18 August kr. 1-2

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

AUGUST 6-12

BIBLE MU AKORADE | LUKA 17-18

“Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ”

nwtsty Lu 17:12, 14 ho adesua nsɛm

mmarima akwatafo du: Bible mmere mu no, ɛda adi sɛ na akwatafo boa wɔn ho ano wɔ faako, anaa wɔtena bom sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa wɔn ho. (2Ah 7:3-5) Ná Onyankopɔn Mmara hwehwɛ sɛ akwatafo tew wɔn ho fi afoforo ho kɔtena baabi. Afei nso, na ɛsɛ sɛ obi a ɔyare kwata teɛm sɛ: “Me ho ntew, me ho ntew!” sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo remmɛn no. (Le 13:45, 46) Sɛnea na Mmara no kyerɛ no nti, akwatafo no gyinaa akyirikyiri a wɔammɛn Yesu.

Momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo no: Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, na ɔhyɛ Mmara no ase, na na ogye tom sɛ asɔfodi nhyehyɛe a egyina Aaron abusua so no da so ara yɛ adwuma. Enti sɛ ɔsa ɔkwatani bi yare a, na ɔka kyerɛ no sɛ ɔmfa ne ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo. (Mt 8:4; Mr 1:44) Sɛnea na Mose Mmara no kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo bi hwɛ obi a kwata ayɛ no na ɔkyerɛ sɛ ne ho afi anaa ne ho mfii. Ná ɛsɛ sɛ ɔkwatani a ne ho afi no kɔ asɔrefie hɔ na ɔde nnomaa a wɔn ho tew mmienu, kyeneduru, koogyan, ne sommɛ kɔma sɛ afɔrebɔde anaa akyɛde.—Le 14:2-32.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 17:10 ho adesua asɛm

mfaso nni . . . so: Nea ɛkyerɛ pa ara ne “adehunu.” Yesu mfatoho no mu no, ɛnyɛ nea Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ nkoa no, anaa n’asuafo no mmu wɔn ho sɛ mfaso nni wɔn so anaa wɔnsɛ hwee. Kyerɛwsɛm yi mu no, asɛm ‘mfaso nni so’ no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ nkoa no hu wɔn ho sɛ wɔba fam koraa, na wɔmfata anuonyam anaa nkamfo soronko bi. Animdefo binom kyerɛ kasakoa yi ase sɛ, “yɛyɛ nkoa kɛkɛ a yɛmfata nidi soronko biara.”

nwtsty Lu 18:8 ho adesua asɛm

gyidi: Anaa ‘gyidi a ɛte sei.’ Nea ɛkyerɛ pa ara ne ‘gyidi no.’ Wɔde Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘no’ bataa “gyidi” ho wɔ kyerɛwsɛm yi mu. Wei ma yehu sɛ ɛnyɛ gyidi biara kɛkɛ na na Yesu reka ho asɛm, mmom na ɔreka gyidi soronko te sɛ okunafo no de a ɔdaa no adi wɔ ne mfatoho no mu no. (Lu 18:1-8) Obi a ɔwɔ saa gyidi no gye di pa ara sɛ mpaebɔ wɔ tumi. Afei nso, ɔwɔ gyidi sɛ Onyankopɔn bebu atɛntrenee ama wɔn a wɔapaw wɔn no. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu hyɛɛ da na wammua asɛm a wobisaa no faa gyidi ho no, sɛnea ɛbɛyɛ a n’asuafo no mu biara bɛhwehwɛ ne mu ahwɛ sɛ ne gyidi te sɛn. Mfatoho a ɛfa mpaebɔ ne gyidi ho no, na ɛfata, efisɛ na Yesu kaa sɔhwɛ a n’asuafo no behyia ho asɛm nkyɛe.—Lu 17:22-37.

AUGUST 13-19

BIBLE MU AKORADE | LUKA 19-20

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 19:43 ho adesua asɛm

nnua a ano yɛ mfeamfeaa: Wohwɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a, ɛha nko ara na wubehu Hela asɛmfua khaʹrax. Wɔkyerɛ ase sɛ “dua a ano yɛ feafeaa a wɔde gye ban anaa dua a asraafo de gye ban.” Yesu asɛm yi baa mu afe 70 Y.B. Saa bere no, Roma ɔsahene Titus de nnua a ano yɛ mfeamfeaa twaa Yerusalem ho hyiae. Atirimpɔw mmiɛnsa nti a Titus yɛɛ saa ne sɛ, na ɛremma Yudafo no nnya kwan nguan, na ɛbɛma wɔde wɔn akode agu hɔ, afei na ɔkɔm bɛwe wɔn araa ma wɔn ankasa de wɔn ho ama Romafo no. Sɛnea ɛbɛyɛ a Roma asraafo no benya nnua de agye ban atwa Yerusalem ho ahyia no, wotwitwaa Yerusalem nkuraase nnua nyinaa.

nwtsty Lu 20:38 ho adesua asɛm

efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no: Anaa wɔn nyinaa te ase wɔ n’ani so. Bible kyerɛ sɛ, wɔn a wɔte ase, nanso wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no awu wɔ Onyankopɔn ani so. (Efe 2:1; 1Ti 5:6) Saa ara nso na Onyankopɔn asomfo a ogye wɔn tom, nanso wɔawuwu no da so ara te ase wɔ n’ani so, efisɛ n’atirimpɔw a ɛne sɛ obenyan wɔn aba nkwa mu bio no bɛbam ɔkwan biara so.—Ro 4:16, 17.

AUGUST 20-26

BIBLE MU AKORADE | LUKA 21-22

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 21:33 ho adesua nsɛm

Ɔsoro ne asase betwam: Kyerɛwnsɛm afoforo kyerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtena hɔ daa. (Ge 9:16; Dw 104:5; Ɔsɛ 1:4) Enti Yesu asɛm a ɛwɔ ha no betumi ayɛ kasakoa a ɛkyerɛ sɛ, ɛwom sɛ ɛrentumi mma sɛ ɔsoro ne asase betwam, nanso sɛ ɛba saa mpo a, Yesu asɛm no bɛbam ɔkwan biara so. (Fa toto Mt 5:18 ho.) Nanso, ɔsoro ne asase a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ara ne sɛnkyerɛnne kwan so ɔsoro ne asase a ɛwɔ Adi 21:1 no. Ɛhɔ no, wɔfrɛ no “kan soro ne kan asase.”

me nsɛm rentwam da: Anaa “sɛnea ɛte biara, me nsɛm rentwam.” Hela adeyɛ nsɛm mmienu a wɔde yɛɛ adwuma no kyerɛ biribi a obi bu no sɛ ɛrentumi nsi da. Wei si so dua pa ara sɛ Yesu nsɛm no rentwam da.

AUGUST 27–SEPTEMBER 2

BIBLE MU AKORADE | LUKA 23-24

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 23:31 ho adesua asɛm

bere a dua no yɛ dumono no, . . . sɛ ewu a: Ɛbɛyɛ sɛ Yuda man no ho asɛm na na Yesu reka. Ná ɔman no te sɛ dua a ɛrewu, nanso nsu kakra wom. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Yesu ne Yudafo no bi a wogye Yesu di da so ara wɔ ɔman no mu. Nanso, na ɛrenkyɛ wobekum Yesu. Afei, na wɔde honhom kronkron bɛsra Yudafo anokwafo binom ama wɔabɛka honhom fam Israel ho. (Ro 2:28, 29; Ga 6:16) Ɛba saa a, na honam fam Israel abɛyɛ te sɛ dua a awu, kyerɛ sɛ awu wɔ honhom fam.—Mt 21:43.

nwtsty mfoni

Nantin Dompe a Dadewa Bom

Afe 1968, bere a wɔretutu fam wɔ Yerusalem atifi fam no, wohuu nipa nantin dompe ankasa a dadewa bom. Dadewa no tenten yɛ sɛntimita 11.5 (nsateakwaa 4.5). Onipa no wui wɔ Romafo bere so. Wɔhwɛɛ nea wohui no so yɛɛ bi pɛpɛɛpɛ. Nea wɔyɛe no ho mfoni na ɛwɔ ha no. Dompe a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma ahu yi ma yenya adanse sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na wɔde nnadewa bɔ nnipa asɛndua mu kum wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ saa dadewa yi ara bi na Roma asraafo de bɔɔ Yesu Kristo asɛndua mu no. Ná nantin dompe a dadewa bom no gu adaka bi a wɔde ɔbo ayɛ mu. Saa bere no, sɛ obi wu na ɔporɔw a, na wɔsesaw ne nnompe a ɛho akokwaw no gu ɔbo adaka mu. Wei kyerɛ sɛ obi a wɔabɔ no asɛndua mu akum no no, na wotumi sie no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena