Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr18 November kr. 1-2
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • NOVEMBER 5-11
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
mwbr18 November kr. 1-2

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

NOVEMBER 5-11

BIBLE MU AKORADE | YOHANE 20-21

“Wodɔ Me Sen Eyinom Anaa?”

nwtsty Yoh 21:15, 17 ho adesua nsɛm

Yesu bisaa Simon Petro sɛ: Bere a Petro yii Yesu mae mprɛnsa akyi no, ankyɛ koraa na Yesu ne no bɔɔ nkɔmmɔ yi. Yesu bisaa Petro nsɛm mmiɛnsa bi a na ɛbɛma Petro ahwehwɛ ne mu ahu sɛnea ɔte nka wɔ Yesu ho, na ɛmaa Petro “werɛ howee.” (Yoh 21:17) Wohwɛ asɛm a ɛwɔ Yoh 21:15-17 no a, Yohane de Hela adeyɛ nsɛm mmienu na ɛkaa n’asɛm no: a·ga·paʹo, a wɔkyerɛɛ ase ɔdɔ, ne phi·leʹo, a wɔkyerɛɛ ase wopɛ m’asɛm anaa mepɛ w’asɛm. Yesu bisaa Petro mprenu sɛ: “Wodɔ me?” Nsɛmmisa mmienu no nyinaa mu no, Petro fii ne komam ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “mepɛ w’asɛm.” Awiei koraa no, Yesu bisaa no sɛ: “Wopɛ m’asɛm?” Petro sii so dua bio sɛ ɔpɛ n’asɛm. Mprɛnsa a Petro kaa sɛ ɔdɔ Yesu no nyinaa no, Yesu maa Petro hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ɔdɔ no pusuw no na ɔma n’asuafo no honhom fam aduan, na ‘ɔyɛn’ wɔn. Kyerɛwsɛm yi mu no, nguammaa anaa “nguan nkumaa” no gyina hɔ ma Yesu asuafo no. (Yoh 21:16, 17; 1Pe 5:1-3) Ansa na Yesu de adwuma rehyɛ Petro nsa sɛ ɔnhwɛ ne nguan no, Yesu maa Petro kwan ma ɔkaa no mprɛnsa sɛ ɔdɔ no. Saa a Yesu yɛe no daa no adi pefee sɛ, ɛmfa ho sɛ Petro yii no mae mprɛnsa no, ɔde Petro bɔne akyɛ no.

wodɔ me sen eyinom anaa?: Asɛm, “sen eyinom” a wɔaka ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ebetumi akyerɛ nneɛma pii. Abenfo bi ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ase sɛ, “wodɔ me sen sɛnea wodɔ asuafo a aka yi anaa?” anaa “wodɔ me sen sɛnea asuafo yi dɔ me no anaa?” Nanso, ɛbɛyɛ sɛ nea saa asɛm no kyerɛ pa ara ne “wodɔ me sen eyinom anaa?”, kyerɛ sɛ nam a na wɔayi no, anaa biribiara a na ɛfa mpataayi adwuma no ho no. Enti wohwɛ kyerɛwsɛm yi mu a, ɛbɛyɛ sɛ adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ: ‘Wodɔ me sen honam fam nneɛma anaa ahonyade a wubedi akyi anaa? Sɛ saa a, ma me nguan nkumaa aduan.’ Asetena a na Petro wom kan no ma yehu sɛ saa asɛmmisa yi fata pa ara. Ná Petro ka Yesu asuafo a wodi kan no ho de (Yoh 1:35-42), nanso bere a Yesu too nsa frɛɛ no no, wannyae biribiara hɔ ammedi n’akyi prɛko pɛ. Mmom, ɔsan kɔyɛɛ mpataayi adwuma no. Abosome kakraa bi akyi no, Yesu too nsa frɛɛ Petro sɛ, onnyae adwuma kɛse a na ɔreyɛ no, na ɔmmɛyɛ “nnipa yifo.” (Mt 4:18-20; Lu 5:1-11) Bio, Yesu wui akyi ara pɛ, Petro san kaa sɛ ɔrekoyi nam, na asomafo a aka no bi dii n’akyi. (Yoh 21:2, 3) Enti ɛbɛyɛ sɛ na Yesu rema Petro ahu sɛ, ɛsɛ sɛ osi n’adwene pi wɔ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ n’asetenam no ho. Ná Petro de mpataayi adwuma no bedi kan wɔ n’asetenam anaa? Anaa ɔde adwuma a Yesu de ama no sɛ ɔmma ne nguan nkumaa anaa n’akyidifo no honhom fam aduan no na ebedi kan?—Yoh 21:4-8.

ne mprɛnsa so: Petro yii Awurade mae mprɛnsa, na Yesu nso maa Petro kwan ma ɔkaa no mprɛnsa sɛ ɔdɔ no. Mprɛnsa no nyinaa, Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔmfa ɔsom kronn nni kan wɔ n’asetenam mfa nkyerɛ sɛ ampa, ɔdɔ no. Ná Petro ne anuanom afoforo a wodi anim wɔ asafo no mu no bɛma Kristo nguan anaa n’akyidifo anokwafo no aduan, wɔbɛhyɛ wɔn den, na wɔayɛn wɔn. Ɛwom, na wɔasra Kristo nguan no, nanso na ehia sɛ wɔma wɔn honhom fam aduan.—Lu 22:32.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Yoh 20:17 ho adesua asɛm

Gyaa me mu: Hela adeyɛ asɛm haʹpto·mai betumi akyerɛ “sɛ́ wode wo nsa bɛka obi” anaa “wobɛbam obi.” Nkyerɛase ahorow bi kyerɛ Yesu asɛm no ase sɛ: “Mfa wo nsa nka me.” Nanso na ɛnyɛ sɛ Yesu ani nnye ho sɛ Maria Magdalene de ne nsa bɛka no, efisɛ bere a onyanee fii awufo mu akyi no, mmea bi a wohuu no no ‘soo ne nan mu,’ nanso wanka sɛ wonnyaa ne mu. (Mt 28:9) Ɛbɛyɛ sɛ na Maria Magdalene adwene yɛ no sɛ Yesu reforo akɔ soro ara ne sa. Esiane sɛ na osuro sɛ Awurade begyaw no hɔ nti, ɔbam Yesu denneennen, na na ɔmpɛ sɛ ogyaa ne mu. Nanso na Yesu pɛ sɛ ɔma Maria awerɛhyem sɛ onnya nkɔɔ soro, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ onnyaa ne mu. Afei Yesu ka kyerɛɛ Maria sɛ ɔnkɔka ne wusɔre no ho asɛm nkyerɛ n’asuafo no.

nwtsty Yoh 20:28 ho adesua asɛm

M’Awurade ne me Nyankopɔn!: Abenfo bi gye tom sɛ na Toma ho adwiriw no nti na ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ Yesu, nanso nea na asɛm no kɔ ma no pa ara ne Nyankopɔn a ɔyɛ Yesu Agya no. Ebinom ka sɛ, sɛnea wɔkyerɛw asɛm yi wɔ Hela mu mfiase no nti, ɛsɛ sɛ ɛkɔ ma Yesu. Sɛ nea wɔreka no yɛ nokware mpo a, gye sɛ yɛde asɛm yi toto Bible mu nsɛm a aka nyinaa ho ansa na yɛahu nea asɛm “M’Awurade ne me Nyankopɔn” no kyerɛ ankasa. Kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ, na Yesu adi kan asoma sɛ wɔnkɔka nkyerɛ n’asomafo no sɛ: “Merekɔ m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn no nkyɛn.” Enti ntease biara nnim sɛ yɛbɛka sɛ na Toma dwen sɛ Yesu ne ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no. Ná Toma ate sɛ Yesu refrɛ ‘n’Agya’ wɔ mpaebɔ mu sɛ “nokware Nyankopɔn koro pɛ no.” (Yoh 17:1-3) Enti ɛbɛyɛ sɛ nneɛma a edidi so yi nti na Toma frɛɛ Yesu sɛ “me Nyankopɔn” no: Ná obu Yesu sɛ “onyame,” na ɛnyɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no. (Hwɛ Yoh 1:1 ho adesua asɛm.) Afei wohwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, sɛnea Onyankopɔn asomfo bi frɛɛ abɔfo a na Yehowa asoma wɔn no, ebetumi aba sɛ saa ara na na Toma pɛ sɛ ɔfrɛ Yesu. Ná Toma nim nsɛm bi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛka sɛ nnipa bi anaa Bible akyerɛwfo bi ne abɔfo a na wɔasoma wɔn kasae te sɛ nea na wɔne Yehowa Nyankopɔn na ɛrekasa. (Fa toto kyerɛwnsɛm a edidi so yi ho: Ge 16:7-11, 13; 18:1-5, 22-33; 32:24-30; Ate 6:11-15; 13:20-22.) Enti ebetumi aba sɛ, bere a Toma frɛɛ Yesu “me Nyankopɔn” no, adwene a ɛte saa ara na na okura, kyerɛ sɛ, ohuu Yesu sɛ nokware Nyankopɔn no nanmusini ne ne kasamafo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena