KRISTOFO ABRABƆ
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu?
Sɛ obi bisa wo nea enti a wugye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade a, dɛn na wobɛka akyerɛ no? Sɛ wubetumi afi ahotoso mu ama no mmuae a, ehia sɛ woyɛ nneɛma mmienu yi: Nea edi kan, ɛsɛ sɛ w’ankasa wuhu nea enti a wugye di sɛ obi na ɔbɔɔ nneɛma. (Ro 12:1, 2) Afei, ɛsɛ sɛ wudwinnwen sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu akyerɛ afoforo no ho.—Mme 15:28.
YI VIDEO AHOROW A YƐATO DIN OBI A ƆYƐ NNOMPE MU OPREHYƐN KYERƐKYERƐ NE GYIDI MU NE MMOA HO NIMDEFO BI KYERƐKYERƐ NE GYIDI MU NO, NA HWƐ NEA ENTI A EBINOM GYE DI SƐ ONYANKOPƆN NA ƆBƆƆ NNEƐMA. WUWIE A, BUA NSƐM A EDIDI SO YI:
Adɛn nti na Irène Hof Laurenceau nnye adannandi nni, mmom ogye di sɛ obi na ɔbɔɔ ade?
Adɛn nti na Yaroslav Dovhanych nnye adannandi nni, mmom ogye di sɛ obi na ɔbɔɔ ade?
Nea enti a wugye di sɛ obi na ɔbɔɔ ade no, sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ obi foforo?
Nneɛma bɛn na Yehowa ahyehyɛde no ayɛ a ebi wɔ wo kasa mu a ebetumi aboa wo ne afoforo ama moahu sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara?