January 13-19
GENESIS 3-5
Dwom 72 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Ɔhaw Kɛse a Atoro a Edi Kan No Kɔfa Bae”: (Simma 10)
Ge 3:1-5—Ɔbonsam twaa atoro too Onyankopɔn so de sɛee ne din (w17.02 5 ¶9)
Ge 3:6—Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden (w00 11/15 25-26)
Ge 3:15-19—Onyankopɔn buu atuatewfo no kumfɔ (w12 9/1 4 ¶2; w04 1/1 29 ¶2; it-2-E 186)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Ge 4:23, 24—Adɛn nti na Lamek hyehyɛɛ anwensɛm yi? (it-2-E 192 ¶5)
Ge 4:26—Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo fii ase “bɔɔ Yehowa din” wɔ Enos bere so? (it-1-E 338 ¶2)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa Nyankopɔn, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ge 4:17–5:8 (th adesua 5)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 4) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Muwie a, bisa nsɛm a edidi so yi: Sɛnea ɔdawurubɔfo no fii nkɔmmɔbɔ no ase no, dɛn na w’ani gyee ho wɔ ho? Bere a adawurubɔfo no hyehyɛe sɛ wɔbɛsan akɔsra ofiewura no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. (th adesua 1)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asaasesin mu betwa w’ano, nanso fa ɔkwan bi so boa no na toa w’asɛm no so. (th adesua 3)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei ma ofiewura no nsɛmma nhoma bi a ɛbɛma wanya asɛm bi a obisae ho mmuae. (th adesua 2)
KRISTOFO ABRABƆ
“Sɛnea Yɛde Nkratawa Befi Nkɔmmɔbɔ Ase”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Di kan yi video a ɛfa sɛnea yɛde nkratawa befi nkɔmmɔbɔ ase no ho. Muwie a, munsusuw ho.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 99
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3 anaa nea ennu saa)
Dwom 85 Ne Mpaebɔ