KRISTOFO ABRABƆ
Suasua Yosef, Na Guan Aguamammɔ
Sɛ yehyia aguamammɔ ho sɔhwɛ a, yebetumi asuasua nhwɛso pa a Yosef yɛe no. Da biara, na Potifar yere no de guan Yosef ho sɛ, ɔne no mmɛda, nanso Yosef ampene. (Ge 39:7-10) Ɔka kyerɛɛ maame no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” Wei kyerɛ sɛ, adwene a Yehowa wɔ wɔ nna ne aware ho no, na Yosef adwinnwen ho. Enti, bere a ɔbea no yɛe sɛ ɔne no bɛda no, wangogow ne ho amma wamfa n’akyi anka fam; oguanee.—Ge 39:12; 1Ko 6:18.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN GUAN ƆBRASƐE NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Tebea bɛn na Jin hyiae?
Bere a Mee-Kyong ka kyerɛɛ Jin sɛ ɔmmoa no na ɔnyɛ ne homework no, nsɛm bɛn na Jin bisaa ne ho?
Adesrɛ a Mee-Kyong de too Jin anim no, ɛkaa no sɛn?
Ɛyɛɛ dɛn na Jin nyaa mmoa?
Dɛn na Jin yɛe de guan aguamammɔ?
Dɛn na woasua afi video yi mu?