May 18-24
GENESIS 40-41
Dwom 8 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Yehowa Gyee Yosef”: (Simma 10)
Ge 41:9-13—Farao tee sɛ Yosef tumi kyerɛ dae ase (w15 2/1 14 ¶3-4)
Ge 41:16, 29-32—Yehowa boaa Yosef ma otumi kyerɛɛ Farao dae no ase (w15 2/1 14-15)
Ge 41:38-40—Yosef bɛyɛɛ Farao abadiakyiri wɔ Egypt (w15 2/1 15 ¶3)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Ge 41:14—Adɛn nti na Yosef yii n’abɔgyesɛ ansa na ɔrekɔ Farao anim? (w15 11/1 9 ¶1-3)
Ge 41:33—Sɛnea Yosef ne Farao kasae no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (w09 11/15 28 ¶14)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa Nyankopɔn, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ge 40:1-23 (th adesua 2)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Sankɔhwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Muwie a, bisa nsɛm yi: Dɛn na ɛma yehu sɛ awarefo no boom siesiee wɔn ho ansa na wɔrekɔyɛ sankɔhwɛ no? Ɔkwan bɛn so na onua no kyerɛkyerɛɛ kyerɛwsɛm no mu ma emu daa hɔ?
Sankɔhwɛ a Edi Kan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. (th adesua 11)
Sankɔhwɛ a Edi Kan: (Simma 5 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei nhoma ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, ma no bi. (th adesua 13)
KRISTOFO ABRABƆ
Suasua Yosef Na Nya Boasetɔ Bere a Obi Ne Wo Anni No Yiye: (Simma 6) Di kan yi video a yɛato din Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Nya Boasetɔ Bere a Wɔne Wo Anni no Yiye no. Afei ma mmofra no bi mmra asɛnka agua no so na bisabisa wɔn sɛ: Dɛn na wɔde yɛɛ Caleb ne Sophia a ɛkyerɛ sɛ wɔne wɔn anni no yiye? Dɛn na Caleb ne Sophia sua fii nea ɛtoo Yosef no mu?
Asafo Mu Ahiade: (Simma 9)
Asafo Bible Adesua: (Simma 30 anaa nea ennu saa) jy ti 115
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3 anaa nea ennu saa)
Dwom 124 Ne Mpaebɔ