BIBLE MU AKORADE | GENESIS 40-41
Yehowa Gyee Yosef
Yosef kɔyɛɛ akoa wɔ Egypt, na wɔde no kɔtoo afiase. Wei ma ohuu amane. Edii bɛyɛ mfe dumiɛnsa ansa na Yehowa regye no. Yosef amfa yaw anhyɛ ne mu, mmom osuaa biribi fii nea ɔfaa mu no mu. (Dw 105:17-19) Ná onim sɛ Yehowa rennyaw no da. Wamma nea ɛtoo no no anhyɛ ne so, mmom ɔyɛɛ nea obetumi wɔ tebea no ho. Nneɛma bɛn na ɔyɛe?
Ɔyɛɛ adwumaden, na ɔmaa afoforo nyaa ne mu ahotoso. Wei maa Yehowa nyaa biribi gyinaa so hyiraa no.—Ge 39:21, 22
Wɔn a wɔne no anni no yiye no, wansɛe bere annwinnwen sɛnea ɔbɛyɛ bi atua wɔn ka, mmom ogyee bere boaa afoforo.—Ge 40:5-7
Ɔkwan bɛn so na nea ɛtoo Yosef no betumi aboa me ama magyina me haw ahorow ano?
Enkosi sɛ Yehowa begye me wɔ Harmagedon no, dɛn na metumi ayɛ wɔ ɔhaw a merehyia seesei no ho?