BIBLE MU AKORADE | GENESIS 42-43
Yosef Yeree Ne Ho Hyɛɛ Ne Ho So
Bere a Yosef huu ne nuanom no, na ɔnhwɛ kwan sɛ obehyia wɔn. Wohwɛ a, bere a n’ani bɔɔ wɔn so no, ɔtee nka sɛn? Sɛ ɔpɛ a, anka ɛhɔ ara obeyi ne ho adi akyerɛ wɔn na wayɛ wɔn atuu, anaa ɔbɛyɛ n’adwene sɛ obetua wɔn ka. Nanso Yosef anni ne koma akyi, mmom odwen asɛm no ho yiye. Wo nso, sɛ w’abusuafo anaa afoforo ne wo anni no yiye a, dɛn na wobɛyɛ? Yosef asɛm no ma yehu sɛ, sɛ biribi saa si a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, na yɛtɔ yɛn bo ase. Ɛnsɛ sɛ yedi yɛn koma kontomponi no akyi na yɛpere yɛn ho kɔyɛ biribi a akyiri yi yebenu yɛn ho.
Sɛ wuhyia tebea ahorow bi wɔ w’asetenam a, wobɛyɛ dɛn asuasua Yosef?