KRISTOFO ABRABƆ
Hu Asɛm No Nyinaa Ani So
Sɛ worekan asɛm bi a esii wɔ Bible mu a, bɔ mmɔden hu asɛm no nyinaa ani so. Hu nea enti a wɔkyerɛw saa asɛm no, ne nnipa a asɛm no fa wɔn ho. Afei, hu sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade, ne nea enti a wɔyɛɛ saa. Nea yebetumi ayɛ bio ne sɛ yɛde yɛn adwene bebu mmeae a nsɛm no sisii, ɛhɔ nnyigyei, sɛnea na ɛhɔ hua te ne sɛnea na nnipa a wɔwɔ hɔ no te nka.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MA WO BIBLE AKENKAN NTU MPƆN—NE FÃ BI NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Nneɛma bɛn na na ɛrekɔ so wɔ Yakob fie a ɛno nti na Yosef nuanom ne n’ani nhyia?
Ɛtɔ da na Yosef nuanom no reyɛ biribi a, ɛbɛyɛ sɛ na wonnwen ho. Adɛn ntia?
Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ma yehu fa Yosef papa Yakob ho?
Nhwɛso pa bɛn na Yakob yɛ maa ne mma no wɔ sɛnea wobesiesie wɔne afoforo ntam ho?
Sɛn na video yi aboa wo?