June 15-21
GENESIS 48-50
Dwom 30 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Wɔ Nneɛma Pa Pii a Wobetumi De Aboa Yɛn”: (Simma 10)
Ge 48:21, 22—Ná Yakob wɔ gyidi sɛ daakye n’asefo bɛkɔ akɔtena Kanaan asase so (it-1 1246 ¶8)
Ge 49:1—Nkɔm a Yakob hyɛe bere a na ɔda owupa so no ma yehu sɛ na ɔwɔ gyidi (it-2 206 ¶1)
Ge 50:24, 25—Ná Yosef wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam (w07 6/1 28 ¶10)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
Ge 49:19—Nkɔm a Yakob hyɛ faa Gad ho no baa mu sɛn? (w04 6/1 15 ¶4-5)
Ge 49:27—Nkɔm a Yakob hyɛ faa Benyamin ho no baa mu sɛn? (it-1 289 ¶2)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa Nyankopɔn, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ge 49:8-26 (th adesua 5)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Sankɔhwɛ Ho Video: (Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video no. Muwie a, bisa nsɛm a edidi so yi: Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo no boom yɛɛ adwuma de dii adanse? Sɛ yɛredi adanse a, yɛbɛyɛ dɛn de ahotoso akasa sɛnea adawurubɔfo no yɛe no?
Sankɔhwɛ: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asasesin mu betwa w’ano, nanso fa ɔkwan bi so boa no na toa w’asɛm no so. (th adesua 6)
Sankɔhwɛ: (Simma 5 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei fa Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ma no, na munsusuw ti 9 no ho mfa mfi Bible adesua ase. (th adesua 16)
KRISTOFO ABRABƆ
“Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Anuanom a Wɔde Mfe Pii Asom Yehowa No Hɔ?”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Sɛ Wɔbara Yɛn Mpo a Ɛsɛ Sɛ Yɛkɔ So Yɛ Baako no.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30 anaa nea ennu saa) jy ti 119
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3 anaa nea ennu saa)
Dwom 25 Ne Mpaebɔ