BIBLE MU AKORADE | GENESIS 48-50
Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Wɔ Nneɛma Pa Pii a Wobetumi De Aboa Yɛn
Anuanom a wɔn mfe akɔ anim no de wɔn ani ahu ‘anwonwadwuma’ pii a Yehowa ayɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu. Sɛ wɔka weinom ho asɛm kyerɛ yɛn a, ɛma gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu no mu yɛ den. (Dw 71:17, 18) Sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim yi bi wɔ w’asafo mu a, bisa wɔn sɛ:
Nsɛnnennen a wɔahyia wɔ Yehowa som mu no, sɛn na Yehowa aboa wɔn ama wɔagyina ano?
Adawurubɔfo dodow a akɔ anim no ma wɔte nka sɛn?
Bible mu nokware ho ntease foforo a yenya no, sɛn na ɛma wɔn ani gye?
Nsakrae bɛn na Yehowa ahyehyɛde no ayɛ a wɔde wɔn ani ahu?