Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 January kr. 12-13
  • February 19-25

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February 19-25
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 January kr. 12-13

FEBRUARY 19-25

DWOM 8-10

Dwom 2 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. “O Yehowa, Meyi Wo Ayɛ”!

(Simma 10)

Nneɛma a Yehowa yɛ ma yɛn no, ɛdɔɔso boro so (Dw 8:​3-6; w21.08 3 ¶6)

Yɛde anigye ka Yehowa anwanwadwuma ho asɛm kyerɛ nkurɔfo de yi no ayɛ (Dw 9:1; w20.05 23 ¶10)

Afei nso yefi yɛn koma nyinaa mu to dwom de yi no ayɛ (Dw 9:2; w22.04 7 ¶13)

Mfoni: Akwan a yebetumi afa so ayi Yehowa ayɛ. 1. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim redi ɔbea bi a ɔhwɛ ayarefo adanse. 2. Anuanom reto nnwom wɔ adesua ase. 3. Adesua rekɔ so, na abarimaa bi ama ne nsa so pɛ sɛ ɔma mmuae. 4. Onua aberante bi reboa ama wɔasiesie Ahenni Asa so. 5. Onuawa ababaa bi redi ne yɔnko sukuuni adanse.

BISA WO HO SƐ, ‘Akwan foforo bɛn na metumi afa so ayi Yehowa ayɛ?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 8:3—Onyankopɔn nsateaa a odwontofo no kaa ho asɛm no, dɛn na na ɔrekyerɛ? (it-1 832)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 10:​1-18 (th adesua 11)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fiewura no bɛka akyerɛ wo sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 4)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Bere bi a wo ne nipa no bɔɔ nkɔmmɔ no, ɔkae sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso ɔka kaa ho sɛ ɛnhaw no sɛ wode adanse bɛkyerɛkyerɛ mu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. (th adesua 7)

6. Ɔkasa

(Simma 5) w21.06 6-7 ¶15-18—Asɛmti: Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnyi Yehowa Ayɛ. (th adesua 10)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 10

7. Sɛ Wunni Asɛnka Mu Na Wopɛ Sɛ Wudi Obi Adanse a, Wobɛyɛ No Sɛn Na Nkɔmmɔ No Ara De Ne Ho Aba?

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Ade baako a yebetumi ayɛ de ayi Yehowa ayɛ ne sɛ, wɔn a yehu wɔn da biara no, yebedi wɔn adanse. (Dw 35:28) Ahyɛase no de, ebia ayamhyehye kakra bɛba mu, nanso sɛ wusua sɛnea wobɛma nkɔmmɔ no ara de ne ho aba, na wusua sɛnea wobɛtoa so a, wo nsa bɛtɔ so, na w’ani begye ho mpo!

Video a yɛato din “Yɛ Krado Sɛ Wobɛka ‘Asomdwoe Asɛmpa No’​—Yɛ Biribi a Ebebue Kwan Ama Moabɔ Nkɔmmɔ” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Onuawa bi akɔtena baabi redidi, na ɔredi ababaa bi a wabɛtena ne nkyɛn adanse.

Yi VIDEO a yɛato din Yɛ Krado Sɛ Wobɛka “Asomdwoe Asɛmpa No”—Yɛ Biribi a Ebebue Kwan Ama Moabɔ Nkɔmmɔ. Afei bisa sɛ:

Wohwɛɛ video no, dɛn na wuhui a ɛbɛboa wo na sɛ wunni asɛnka mu na wopɛ sɛ wudi obi adanse a, atumi akɔ yiye?

Nea edidi so yi betumi aboa wo ama woahyɛ nkɔmmɔbɔ no ase:

  • Bere biara a wubefi fie no, fa w’ani to fam na sɛ kwan biara bue a, woafa ho adi adanse. Bɔ ho mpae na srɛ Yehowa sɛ ɔmma wunnya obi a n’ani begye asɛm no ho

  • Obiara a wubehyia no no, tew w’anim kyerɛ no, na onhu sɛ wudwen ne ho. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nipa no ho biribi a ɛbɛma woahu Bible mu asɛm pɔtee a n’ani begye ho

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, gye ne tɛlefon nɔma

  • Sɛ wohyɛ nkɔmmɔbɔ no ase na sɛ biribi nti woantumi anni no adanse a, mma ɛnnhaw wo

  • Sɛ wo ne nipa no tetew mu mpo a, nnyae n’akyi di. Bible mu asɛm anaa asɛm biara a ɛwɔ jw.org no, ɛwom ara a, na wode ɛho link asɛnde no. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ woda so ara dwen ne ho

Sɔ wei hwɛ: Fa no sɛ obi abisa wo sɛ, ‘Enti Memeneda ne Kwasida no wokɔɔ he?’ Sɛ obi bisa wo saa a, ka biribi a wotee no adesua ase anaa Bible a wode kyerɛkyerɛ nkurɔfo no ho asɛm kyerɛ no.

8. Asafo Mu Ahiade

(Simma 5)

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 6 ¶1-8, ne ɔfã 2 no nnianim nsɛm

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 65 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena