Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 January kr. 14-15
  • February 26–March 3

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • February 26–March 3
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 January kr. 14-15

FEBRUARY 26–MARCH 3

DWOM 11-15

Dwom 139 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Wiase Foforo a Asomdwoe Wom No, Fa No Sɛ Wowɔ Hɔ

(Simma 10)

Ɛnnɛ, nnipa nni mmara so; ɛno na akɔfa basabasayɛ aba no (Dw 11:​2, 3; w06 5/15 18 ¶3)

Nya gyidi sɛ ɛrenkyɛ biara, Yehowa bɛma basabasayɛ nyinaa agyae (Dw 11:5; wp16.4 11)

Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ obegye yɛn; sɛ yedwinnwen saa bɔhyɛ no ho a, ɛbɛma yɛanya abotare atwɛn no (Dw 13:​5, 6; w17.08 6 ¶15)

Abaayewa bi ada hatee wɔ dua bi ase wɔ kwae mu anadwo. Ɔsebɔ bi nso da dua no so.

SƆ WEI HWƐ: Kenkan Hesekiel 34:​25, na fa no sɛ asetena pa a Bible ka ho asɛm wɔ hɔ no, wowɔ hɔ bi.—kr 236 ¶16.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 14:1—Suban a kyerɛwsɛm yi ka ho asɛm no, yɛn a yɛyɛ Kristofo no mpo, sɛ yɛanhwɛ yiye a ebetumi aka yɛn. Ɔkwan bɛn so? (w13 9/15 19 ¶12)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 13:1–14:7 (th adesua 2)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. To nsa frɛ nipa no sɛ Yesu wu a yɛrebɛkae no, ɔmmra bi. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 1) AFIE AFIE ASƐNKA. To nsa frɛ nipa no sɛ Yesu wu a yɛrebɛkae no, ɔmmra bi. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)

6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ nipa a woreto nsa afrɛ no sɛ ɔmmra nkaedi no bi no, woahu sɛ n’ani agye ho. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 4)

7. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 13 no afã a yɛato din, nea yɛasua, ntimu, ne fa wei si w’ani so. Nsɛm a ɛwɔ “Yɛ Nhwehwɛmu” afã hɔ no, fa baako boa wo suani no ma onhu sɛnea Onyankopɔn bu atorosom. (th adesua 12)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 8

8. “Nyansa Ye Sen Akode”

(Simma 10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Video a yɛato din “Suasua Wɔn a Na Wɔwɔ Gyidi, Ɛnyɛ Wɔn a Na Wonni Gyidi​—Suasua Enok, Nsuasua Lamek” no, agya a ɔwom no na ɔte ha yi. Wakenkan biribi wɔ Bible mu, na ɔde kɔ adwinnwen mu. Ɔde n’adwene rebu sɛ Enok akɔhyɛ ɔboda mu, ɛnna mmarima a wɔkurakura akode rehwehwɛ no.

Basabasayɛ ne awudisɛm adɔɔso wiase. Yɛde yɛn ani hu bi; ebi nso tumi to yɛn, na Yehowa nim sɛ ne nyinaa betumi ama yɛahaahae. Onim nso sɛ yehia ahobammɔ, na ade baako a ɔnam so bɔ yɛn ho ban ne n’Asɛm Bible no.—Dw 12:​5-7.

Nyansa a ɛwɔ Bible mu no “ye sen akode.” (Ɔsɛ 9:18) Hwɛ sɛnea Bible mu nsɛm a edidi so yi betumi abɔ yɛn ho ban.

  • Ɔsɛ 4:​9, 10—Hwɛ na wo nko ara woankɔfa baabi a ɛhɔ yɛ hu

  • Mme 22:3—Sɛ wonam abɔnten a, fa w’ani to fam hwɛ nea ɛrekɔ so wɔ hɔ na sɛ asiane bi rebobɔ ba a, woahu no ntɛm

  • Mme 26:17—Wokɔto sɛ nkurɔfo regye akyinnye na sɛ asɛm no mfa wo ho a, mfa w’ano nkɔto mu

  • Mme 17:14—Sɛ wowɔ baabi na wuhu sɛ basabasa bi reyɛ asi hɔ a, fi hɔ ntɛm. Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo atwa ahyia pɛ sɛ wɔtew si kurom yɛ ɔyɛkyerɛ a, mmɛn hɔ koraa

  • Lu 12:15—Mma w’agyapade ho nnhia wo nnkyɛn wo nkwa da

Yi VIDEO a yɛato din Suasua Wɔn a Na Wɔwɔ Gyidi, Ɛnyɛ Wɔn a Na Wonni Gyidi—Suasua Enok, Nsuasua Lamek. Afei bisa sɛ:

Bere a basabasayɛ bi sii no, sɛn na Enok asɛm no boaa papa no ma ohuu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ?—Heb 11:5

Ɛwom, edu baabi a Kristoni betumi ayɛ biribi de abɔ ne nkwa ne n’agyapade ho ban. Sɛ ɔyɛ n’adwene saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahwɛyiye paa sɛ ɔrenni awu na wanni mogya ho fɔ.—Dw. 51:14; hwɛ “Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ July 2017 Ɔwɛn-Aban mu no.

9. Yebefi Ase Akyekyɛ Nkaedi Nsato Krataa No Memeneda, March 2

(Simma 5) Ɔkasa. Asafo mu panyin na ɔbɛma. Ma anuanom nhu nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ afa Nkaedi no ne Ɔkasa Titiriw no ho, ne sɛnea mobɛyɛ mo asaasesin mu adwuma. Kae adawurubɔfo sɛ March ne April mu no, wɔbetumi de nnɔnhwerew 15 ayɛ akwampae boafo.

10. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 6 ¶9-17

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 40 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena